Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 8:11 - Apam Foforɔ

11 Nsoromma he dini de Nwononwono. Nsuo he nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa a bɛnomeeɛ he mu bebree wuwuiɛ, efiri sɛ, na ayɛ nwono.

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 8:11
17 Referans Kwoze  

Bɔfoɔ a odi kane he hyɛne ne totorobɛnto he. Na asukɔtwea ne gya a ɔne mogyaa adi afra tɔ guu asaase so. Asaase nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ, na nwura mono nyinaa nso hyeeɛ.


Honhwɛ yie na Nyankopɔn adom he ammɔ biaa; na nhini biaa a nwonwono yam amfifiri ho mu na ammɛyɛ haw amma ho, na angu nnipa bebree ho fi.


Besansanee abɔfoɔ nnan he a bɛasiesie bɛ ama saa dɔnhwere yi, saa da yi, saa bosome yi ne saa afe yi sɛ benkuku adasamma mu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako.


Saa haw ahodoɔ mmeɛnsa he a ɔyɛ gya, wusie ne sɔfe he a ofiri apɔnkɔ he anum baeɛ he kuu adasamma nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako,


Ɔde ne dua twee nsoromma a ɔya soro he mu nkyemu mmeɛnsa mu baako too guu fam. Na ogyinaa baa a ɔɔwo he anim sɛnea ɔbɛyɛ a ɔwo abɔfra he to hɔaa pɛ, ɔbɛfa abɔfra he awe.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite