Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 7:11 - Apam Foforɔ

11 Na abɔfoɔ he atwa ahennwa he ne mpanyimfoɔ he ne ateasefoɔ nnan he ho ahyia. Afei bebutubutuu ahennwa he anim, sɔree Nyankopɔn

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 7:11
16 Referans Kwoze  

Sɛ bɛyɔ saa a, mpanyimfoɔ aduonu nnan he butubutu nea ɔte ahennwa he so he anim sɔre nea ɔte hɔ daa daa he. Betu bɛ ahenkyɛ gu ahennwa he anim ka sɛ,


Na bibi te sɛ ahwehwɛ po a ɔyɛ krɔgyee sɛ ahwehwɛ da ahennwa he anim. Na ateasefoɔ nnan a ani tuatua bɛ anim ne bɛ akyi atwa ahennwa he ho ahyia.


Afei mpanyimfoɔ aduonu nnan a bɛte bɛ ahennwa so Nyankopɔn anim he de bɛ anim butubutuu fam, sɔree Nyankopɔn,


Na ahennwa aduonu nnan atwa ahennwa he ho ahyia a mpanyimfoɔ aduonu nnan tete so a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa na sikakɔkɔɔ abotire bobɔ bɛ ti.


Afei nso, berɛ a na ɔno ankasa de ne Ba a ɔkyɛne so he ɔɔba wiase he, ɔkaa sɛ, “Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no.”


na ama biaa adi Ba he ni sɛnea bedi Agya he ni heaa. Nea onni Ba he ni he, onni Agya a ɔsomaa no he nso ni.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Firi hɔ, Satan! Na bɛatwerɛ sɛ: “Awurade wo Nyankopɔn nkoaa ne sɔre no, na ɔno nkoaa nso ne som no.”


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyɔ saa, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ, ne bɛ a bedi nwoma yi mu nsɛm mu he soaa pɛ. Nyankopɔn nkoaa ne koto no sɔre no!


Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.


Na ateasefoɔ nnan he mu biaa wɔ ntabane nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa bɛto nnwom sɛ, “Kronkron, Kronkron, Kronkron ne Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ a na ɔya hɔ tetentredee, na seesei nso ɔya hɔ, na ɔya hɔ daa.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite