Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 2:3 - Apam Foforɔ

3 Wowɔ boasetɔ na me dini nti, woahu amane bebree, na ne nyinaa mu he, wompaa aba.

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 2:3
49 Referans Kwoze  

efiri sɛ ho hia boasetɔ, sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ hoyɔ deɛ Nyankopɔn pɛ wie a, ho nsa bɛka deɛ wahyɛ ho bɔ he.


Saa nti yɛ nso, esiane sɛ adansefoɔ bebree atwa yɛ ho ahyia yi, homma yɛnto adesoa ne bɔne biaa a ɔkyekyere yɛ na ɔtwe yɛ he ngu, na yɛmfa animia ntu akansie a ɔda yɛ anim he mu mmirika,


Nti hommma yɛmmerɛ papayɔ mu, na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.


Na ahoɔdene a ofiri n’animuonyam tumi nyinaa mu mma honyɛ dene, na ama hoanya boasetɔ ne abodwokyɛre nnoɔma nyinaa mu, ya anigyeɛ mu,


Na bɛbɛyɔ yei nyinaa atia ho ɔnam me dini nti, efiri sɛ bennim nea ɔsomaa me he.


Ɔto ne bo ase adeɛ nyinaa mu, ɔgye adeɛ nyinaa di, ɔwɔ adeɛ nyinaa mu anidasoɔ, na ogyina adeɛ nyinaa mu pintinn.


Esiane sɛ woadi m’ahyɛdeɛ so boasetɔ mu nti, sɛ haw a ɔɔba wiase nyinaa abɛsɔ asaase so nnipa nyinaa ahwɛ he ba a, mɛgye wo afiri mu.


Nti Abraham de ntoboaseɛ twene saa he, bɔhyɛ he baa mu maa no.


na hoannyɛ nyaa, na mmom hoasua bɛ a bɛnam gyidie ne aboterɛ so nyaa bɔhyɛ he.


Nyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene; na ommu n’ani ngu nwuma pa a ho yɔ ne dɔ a ɔno nti ho da no adi ya ahoteefoɔ som ho, na hogu so yɔ he ho.


Yei nti ne yɛyere yɛ ho na yɛpre, na yɛ anidasoɔ ne Nyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titire bɛ a bɛgye di he Agyenkwa.


Anuanom, hommerɛ papayɔ ho.


Nti yɛ akoma ntu, ɔyam sɛ yɛ nipadua he ɔɔsɛe deɛ, nso yɛ honhom he yɛ foforɔ da biaa.


Saa nti yɛmpa aba, osiane sɛ Nyankopɔn nam ne mmɔborɔhunu so ne de saa som adwuma yi ama yɛ.


Homma ho ani nnye anidasoɔ mu, honto ho boase amaneɛ mu, hontu ho ho nsi hɔ ma mpaebɔ.


Nso sɛ yɛ ani da nea yɛ nsa nkaeɛ so a, yɛde ntoboaseɛ twɛne.


Biaa a ɔnsoa n’asennua na onni m’akyi he ntumi nyɛ me suani.


Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.


na homfa ahohyɛsoɔ nka nimdeɛ ho; na homfa boasetɔ nka ahohyɛsoɔ ho; na homfa nyamesom pa nka boasetɔ ho;


kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.


Bɛyɛ Kristo asomfoɔ? Meyi ano te sɛ bɔdamni, meyɛ Kristo somafoɔ kyɛne bɛ: Brɛ adwuma a ɔboro so mu, afiaseda a ɔboro so mu, hweɛ a ɔtra so mu, wuo amaneɛ a manya no nhunuiɛ mu.


Ne saa nti sɛ yɛya ne nkyɛne oo, sɛ yenni ne nkyɛne oo, yɛ botae ne sɛ yɛbɛsɔ n’ani.


bɛ a bɛde ntoboaseɛ yɔ papa hwehwɛ animuonyam ne anidie ne nea ɔmporɔ he, ɔbɛma bɛ daa nkwa;


Afei ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi de kyerɛɛ sɛnea ohia sɛ bɛbɔ mpaeɛ daa a bɛmpa aba.


Nea oguu asaase pa mu he, yɛ bɛ a bɛde akoma pa tie asɛm he wie a, bekura mu na bɛde boasetɔ so aba.


Saa deɛ a, homma yɛnkɔ ne nkyɛne kuro he akyi na yɛasoa n’ahohorabɔ a ohuu mu amaneɛ he;


Ma bɛmfa anidie a odi mu mma asafo mpanyimfoɔ a bedi asafo he so yie he, titire ne bɛ a bɛka asɛmpa na bɛkyerɛkyerɛ;


na yɛanni biaa aduane berɛ a yɛantua ka; na mmom yɛyɔɔ adwuma, mmɔdemmɔ ne brɛ mu awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma ho mu biaa.


Awurade ntwe ho akoma nkɔ Nyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ he mu.


Anuanom, hokae yɛ adwumadene ne brɛ sɛ yɛyɔɔ adwuma anadwo ne awia sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnyɛ adesoa mma ho berɛ a yɛɛpae mu aka Nyankopɔn asɛmpa he akyerɛ ho he.


Afei nso, mesrɛ wo, me yɔnko dwumayɔni, sɛ boa saa mmaa yi, na bɛaberɛ me ho asɛmpa adwuma he mu, bɛ ne Klemens ne me yɔnkonom adwumayɔfoɔ dodoɔ a bɛ dini ya nkwa nwoma mu he.


berɛ a hokita nkwa nsɛm he mu dene na ama matumi ahoahoa me ho Kristo da he sɛ mantu mirika hunu anaa manyɔ adwuma hunu.


Hommoaboa ho ho ho ho mma biaa ntumi nsoa ne nnesoa, na honam saa kwane he so awie Kristo mmara he so di.


Na yɛnhoahoa yɛ ho mma ɔntra so nkoduru binom adwuma ho, na yɛ ani da so sɛ, ho gyidie nyini a, yɛbɛyɔ ho mu kɛseɛ aboro so, sɛdeɛ adwuma a ɔde hyɛɛ yɛ nsa he teɛ


hweɛ mu, afiase nna mu, sakasaka mu, adwumadene mu, kɔdaanna mu, kɔm mu.


Honkyea adwumayɔfoɔ a bɛya Awurade mu, Trifaina ne Trifosa. Honkyea dɔfoɔ Persi a wayɔ adwuma dene Awurade mu.


Sɛ honya boasetɔ a, hobenya ho kra.


Na bɛhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofiri baabi ootwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo papa, sɛ ɔnsoa n’asennua he.


Na anuanom, yɛsrɛ ho, sɛ homfa anidie mma bɛ a bɛbrɛ ma ho na bedi ho so panyini Awurade mu, na betu ho fo he.


Metu ho fo sɛ hommrɛ ho ho ase mma nnipa a bɛte saa ne biaa a ɔde ne ho hyɛ som adwuma he mu, na ɔne bɛ brɛ bom.


Na Simon buaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛayɔ adwuma anadwo mũ nyinaa na yɛannya hwee, nso w’anum asɛm nti megu asau he.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite