Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 2:12 - Apam Foforɔ

12 “Twerɛ krataa yi kɔma bɔfoɔ a ɔya Pergamo asafo mu sɛ: Saa krataa yi firi nea ɔwɔ nkrantɛ anofanu a ɔnam he nkyɛne.

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 2:12
10 Referans Kwoze  

“Sakra w’adwene firi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɔɔnkyɛre biaa mɛba wo nkyɛne de nkrantɛ a ofiri m’anum he abɛko atia saa nnipa he.


Na okita nsoromma nson ne nsa nifa mu, na nkrantɛ anofanu nnamnnam firi n’anum baeɛ. Na n’anim hyerɛn sɛ awia a ɔɔhyerɛn dendene.


Nɔkwasɛm di, nkwa na ahoɔdene ya Nyankopɔn asɛm mu, ano ɔnam sene sekane anofanu biaa, otumi hwire bibiaa mu koduru sɛ ɔpaepae kra firi honhom ho, akwaa firi kyim ho; na otumi bu adwene ne akoma mu nsusuiɛ atɛne.


Bɛde nkrantɛ a ofiri pɔnkɔkafoɔ he anum kukuu bɛ asraafoɔ, na nnomaa he dii bɛ nam meeɛ.


Afei nkrantɛ nnamnnam a ɔde bedi amane so firi n’anum baeɛ. Ɔde dadeɛ poma ne bedi bɛ so. Obetiatia Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so tumfoɔ he abufuo a ɔdene he nsa-kyi-amena he so.


Ɔkaa sɛ, “Twerɛ bibiaa a wohu gu nwoma mu, na fa nwoma he kɔma asafo ahodoɔ nson yi: Deɛ ɔya Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.”


“Twerɛ krataa kɔma Efeso asafo mu bɔfoɔ he, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ofiri nea a okita nsoromma nson ne nsa nifa mu a, ɔnante sika nkaneadua nson he ntam he nkyɛne.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite