Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 17:1 - Apam Foforɔ

1 Afei abɔfoɔ nson he mu baako a okita nkuruwaa nson he ka kyerɛɛ me sɛ, “Bra na menkyerɛ wo dwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so he atemmuo.

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 17:1
20 Referans Kwoze  

efiri sɛ, n’atemmuo yɛ nɔkorɛ na ɔtene sɛ obuu dwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asaase he atɛne, na ɔtɔɔ ne nkoa mogyaa so werɛ ne nsa mu.”


Kuro kɛseɛ he mu paee mmeɛnsa, na amane nyinaa nkuro akɛseɛ sɛesɛee. Nyankopɔn kaee Babel kɛseɛ he maa ɔnom nsa a ano ɔdene he, firii ne kuruwa ano.


Abɔfoɔ nson a bekitakita nkuruwaa nson a haw nson a otwa toɔ he ahyɛ no ma he mu baako baa me nkyɛne bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Dwammaa he yerɛ he.”


Na mehuu nsɛnkyerɛnne foforɔ bi a ɔsõ na ɔyɛ nwanwa ya soro. Na abɔfoɔ nson kitakita haw nson a ɔyɛ haw a otwa toɔ, efiri sɛ, ɔno ne kyerɛ Nyankopɔn abufuo a otwa toɔ.


Bɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me he wɔ sikakɔkɔɔ poma susudua a bɛde besusu kuro he, n’apono ne ne fasuo.


Yei akyi he, mehwɛeɛ, na hwɛ, mehuu soro pono sɛ abie. Na nne bi teaam sɛ totorobɛnto a mate sɛ bi akasa akyerɛ me pɛn he; na ɔkaa sɛ, “Bra soro ha, na mɛkyerɛ wo nea ɔbɛba yei akyi.”


Na bɛbisabisa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Berɛ a ɔne yɛ ɔɔkasa kwane so na ɔɔkyerɛ Twerɛsɛm he mu kyerɛ yɛ he, ampusu yɛ akoma anaa?”


Na afei hwɛ, mmeema mmienu ne no bɛkasaeɛ. Saa mmeemaa mmienu yi ne Mose ne Elia.


Saa nwoma yi fa Yesu Kristo adiyisɛm a Nyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nnoɔma a otwa sɛ ɔba ntɛm. Kristo somaa ne bɔfoɔ kɔɔ ne n’akoa Yohane nkyɛne kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no.


Yei akyi he, mehuu bɔfoɔ foforɔ sɛ ofiri soro ɔɔba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na n’animuonyam hyerɛn asaase so nyinaa.


Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka bɛ a bɛato nsa afrɛ bɛ dwammaa he ayefohyia apontoɔ ase.” Na ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Nyankopɔn asɛm turodoo.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite