Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 15:1 - Apam Foforɔ

1 Na mehuu nsɛnkyerɛnne foforɔ bi a ɔsõ na ɔyɛ nwanwa ya soro. Na abɔfoɔ nson kitakita haw nson a ɔyɛ haw a otwa toɔ, efiri sɛ, ɔno ne kyerɛ Nyankopɔn abufuo a otwa toɔ.

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 15:1
21 Referans Kwoze  

Abɔfoɔ nson a bekitakita nkuruwaa nson a haw nson a otwa toɔ he ahyɛ no ma he mu baako baa me nkyɛne bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Dwammaa he yerɛ he.”


Afei nkrantɛ nnamnnam a ɔde bedi amane so firi n’anum baeɛ. Ɔde dadeɛ poma ne bedi bɛ so. Obetiatia Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so tumfoɔ he abufuo a ɔdene he nsa-kyi-amena he so.


Afei metee nne kɛseɛ bi a ofiri asɔredane he mu a ɔka kyerɛɛ abɔfoɔ nson he sɛ, “Kɔ na kohwie Nyankopɔn abufuo nson a ɔya nkuruwaa nson mu he gu asaase so.”


Nti bɔfoɔ he himm ne kantankrankyi he asaase so de twitwaa bobe aba he na ɔde koguu Nyankopɔn abufuo nsa-kyi-amena kɛseɛ he mu.


he ankasa bɛnom Nyankopɔn abufuo nsa korɔgyee a bɛahwie agu n’abufuo kuruwa mu he bi. Bɛ a bɛbɛyɔ saa he nyinaa, bɛbɛhyɛ no aniɔyeyaa gya ne sɔfe mu, abɔfoɔ ne Adwamaa he anim.


Haw a ɔtɔ so mmienu he atwam, nso, hwɛ, ɔnkyɛre na haw a ɔto so mmeɛnsa nso aba.


Ɔteaam maa ne nne woroo so sɛ gyata. Ɔfrɛeɛ he, apranaa nson he woroo so gyee so.


Na abɔfoɔ nson a bekitakita ntotorobɛnto nson he siesiee bɛ ho sɛ bɛɛbɛhyɛne.


Na mehuu kɔdeɛ bi sɛ a watu nam sorosoro, na metee sɛ ɔɔteam sɛ, “Bɛ a bɛte asaase so he nnue; honnue, honnue ɔnam totorobɛnto a aka a abɔfoɔ mmeɛnsa he ɔɔbɛhyɛne he nti.”


Afei mehuu abɔfoɔ nson a begyinagyina Nyankopɔn anim. Bɛmaa bɛ ntotorobɛnto nson.


Adasamma a bɛkaeɛ he a haw he anku bɛ he antwe bɛ ho amfiri bɛ nnwuma ho. Bɛannyae ahohommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne ayowa ne aboɔ ne nnua a onhu adeɛ na ɔnte asɛm na ontumi nnante he som.


Afei abɔfoɔ nson he mu baako a okita nkuruwaa nson he ka kyerɛɛ me sɛ, “Bra na menkyerɛ wo dwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so he atemmuo.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite