Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 13:4 - Apam Foforɔ

4 Nnipa nyinaa som tweaseɛ he efiri sɛ, ɔde ne tumi nyinaa ama aboa he. Bɛsom aboa he nso kaa sɛ, “Hwane ne te sɛ aboa he? Na hwane ne betumi ne no ako?”

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 13:4
18 Referans Kwoze  

Aboa a mehuu no he, na ɔte sɛ sebɔ a ne nane te sɛ sisire, na n’ano nso te sɛ gyata ano. Na tweaseɛ he de ɔno ankasa ne tumi ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa aboa he.


na behuu ne hyeɛ wusie he, bɛteaam sɛ: Abɛ kuro ne te sɛ kuro kɛseɛ yi?”


Bɛmaa aboa a ɔto so mmienu he kwane ma ɔhomee nkwa guu aboa a odi kane honyini he mu, sɛnea ɔbɛyɛ a honyini he betumi akasa, na waku biaa a ɔnsom no he.


Afei nsɛnkyerɛnne kɛseɛ foforɔ bi daa ne ho adi soro. Wɔ kɔkɔɔ kakraka bi pieeɛ a na ne ti yɛ nson a na ɔwɔ mmɛne du; na ahemmotire bobɔ ne ti he biaa so.


Ɔno ne ma ne ho so tia nea besusu sɛ ɔyɛ nyame anaa bosom a bɛsom biaa, na ama no akɔtena Nyankopɔn asɔredane mu de ne ho akyerɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn.


Bɛbɛko atia Adwamaa he ne n’akyidifoɔ, agyidifoɔ a bɛafrɛ bɛ he ne no bedi bɛ so, efiri sɛ, ɔyɛ Awurade mu Awurade ne Ahemfo mu Hene.”


Adasamma a bɛkaeɛ he a haw he anku bɛ he antwe bɛ ho amfiri bɛ nnwuma ho. Bɛannyae ahohommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne ayowa ne aboɔ ne nnua a onhu adeɛ na ɔnte asɛm na ontumi nnante he som.


Bɛ mu ne wiase nyame afira bɛ a bɛnnye nni he adwene ani, sɛ benhu asɛmpa he ho hann a ɔyɛ Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn subane he animuonyam.


Ɔde ne dua twee nsoromma a ɔya soro he mu nkyemu mmeɛnsa mu baako too guu fam. Na ogyinaa baa a ɔɔwo he anim sɛnea ɔbɛyɛ a ɔwo abɔfra he to hɔaa pɛ, ɔbɛfa abɔfra he awe.


Afei mehuu aboa foforɔ a oopie afiri asaase mu. Na ɔwɔ mmɛne mmienu te sɛ adwamaa, nso na ɔkasa te sɛ wɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite