Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 13:3 - Apam Foforɔ

3 Na mehuu ne ti he mu baako a ɔte sɛ deɛ bɛatwa ama ɔɔyɛ awu, nso bɛsaa ne pirakuro he, na aboa he ho yɛɛ wiasefoɔ nyinaa nwanwa maa bedii n’akyi.

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 13:3
15 Referans Kwoze  

Aboa a wohuu no he, na ɔte ase nso ɔnte ase bio. Oobefiri amena donkodonko he mu aba ama bɛasɛe no. Nnipa a bɛte asaase so a bɛantwerɛ bɛ dini angu ateasefoɔ nwoma he mu ansa na bɛɛbɔ wiase he, sɛ wohu aboa he a, ɔbɛyɛ bɛ nwanwa, efiri sɛ mmerɛ bi na ɔte asɛ, nso seesei deɛ, ɔnte ase na ɔbɛsane aba.


Na ɔnam anwanwadeɛ a bɛmaa no ho kwane maa no yɔeɛ ya aboa a odi kane he anim he so daadaa nnipa a bɛte asaase so nyinaa. Aboa he ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa sɛ, bensi honyini mma aboa a bɛde nkrantɛ piraa no na nso n’apirakuro he awu na ɔte ase bio he.


efiri sɛ, Nyankopɔn de ahyɛ bɛ akoma mu sɛ bɛbɛyɔ adwene korɔ de bɛ ahennie ama aboa he na wadi hene akosi sɛ Nyankopɔn asɛm he bɛba mu.


bɛ mu nnum awu, na bɛ mu baako da so di hene, na baako a ɔka bɛ ho he mmaeɛ. Na sɛ ɔba a, ɔsɛ sɛ ɔtwɛne kakra bi.


Yeinom wɔ adwene korɔ, na bɛde bɛ tumi ne bɛ ahoɔdene bɛma aboa he.


Na ɔwɔ aboa a odi kane he ahoɔdenneɛ nyinaa ya n’anim, na ɔmaa asaase ne bɛ a bɛtete so koto aboa a odi kane a bɛasa ne wuopira he.


Mpo Simon nso gye diiɛ. Na bɛbɔɔ no asu wieeɛ he, na ɔtaa ne Filipo nante. Na nsɛnkyerɛnne ne ahoɔdenneɛ a ohuiɛ he yɛɛ no ahodwiri.


Na nna he mu he, Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ bɛntwerɛ nnipa a bɛya n’ahennie mu nyinaa dini.


Na mehuu sɛ ahoteefoɔ ne Yesu akyidifoɔ a bekuu bɛ he mogyaa aboro baa he. Mehu no he, ɔyɛɛ me nwanwa paa.


Farisifoɔ he keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, Honhu sɛ hontumi nyɔ no hwee. Hwɛ! Wiase atu di n’akyi.


Aboa he a nka na ɔte ase he na afei deɛ ɔnte ase he yɛ hene a ɔto so nwɔtwe a ɔka nson a bedi kane he ho a ɔɔkɔ ne sɛeɛ mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite