Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 13:1 - Apam Foforɔ

1 Afei mehuu sɛ aboa bi apie po he mu ɔɔba. Na ɔwɔ mmɛne du ne tire nson a, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛne he so a abusudini bobɔ tire he ho.

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 13:1
21 Referans Kwoze  

Afei nsɛnkyerɛnne kɛseɛ foforɔ bi daa ne ho adi soro. Wɔ kɔkɔɔ kakraka bi pieeɛ a na ne ti yɛ nson a na ɔwɔ mmɛne du; na ahemmotire bobɔ ne ti he biaa so.


Honhom he faa me maa bɔfoɔ he de me kɔɔ serɛ so. Hɔ ne mehuu baa bi sɛ ɔte aboa kɔkɔɔ bi a abususɛm dini ahyɛ no mã so. Na aboa he wɔ ti nson ne mmɛne du.


Na sɛ bɛka bɛ asɛm he wie a, aboa a obefiri amena donkodonko he mu apie he ne bɛ bɛko. Obedi bɛ so aku bɛ.


Mmɛne du ne aboa he a wohuiɛ he bɛtane dwamanfoɔ he. Bɛbɛfa bibiaa a ɔya ne ho ama wada adagya. Bɛbɛwe ne nam na bɛde gya ahye no,


Afei mehuu bibi te sɛ ahwehwɛ po a bɛde gya afra mu, ne bɛ a bɛadi aboa he ne ne honyini ne n’akontahyɛdeɛ he so nkunim. Na begyinagyina ahwehwɛ po he ho a bekitakita Nyankopɔn nsankuo.


Na bɛatwerɛ dini bi ya ne moma so a ne nkyerɛaseɛ yɛ ahintasɛm: “Babel kɛseɛ he, asaase so adwamanfoɔ ne akyiwadeɛ na.”


Afei mehuu aboa foforɔ a oopie afiri asaase mu. Na ɔwɔ mmɛne mmienu te sɛ adwamaa, nso na ɔkasa te sɛ wɔ.


Na ɔnam anwanwadeɛ a bɛmaa no ho kwane maa no yɔeɛ ya aboa a odi kane he anim he so daadaa nnipa a bɛte asaase so nyinaa. Aboa he ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa sɛ, bensi honyini mma aboa a bɛde nkrantɛ piraa no na nso n’apirakuro he awu na ɔte ase bio he.


Bɛmaa aboa a ɔto so mmienu he kwane ma ɔhomee nkwa guu aboa a odi kane honyini he mu, sɛnea ɔbɛyɛ a honyini he betumi akasa, na waku biaa a ɔnsom no he.


Afei mehuu ahohommɔne mmeɛnsa bi a na bɛte sɛ atwerɛ a na befifiri tweaseɛ he ne aboa he ne atorɔ diyifoɔ he anum.


Afei mehuu aboa he ne asaase so ahemfo ne bɛ asraafoɔ a bɛaboa bɛ ano ɔɔkɔko atia nea ɔte pɔnkɔ he so he ne ne dɔm.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite