Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 11:8 - Apam Foforɔ

8 Na bɛ afunu bɛdeda kuro kɛseɛ he abɔntene so, kuro a honhom mu bɛfrɛ no Sodom ne Misraim, baabi a bɛbɔɔ bɛ Awurade nso asennua mu he

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 11:8
40 Referans Kwoze  

N’amanehunu he hu a ɔyɛ nti, bebegyina akyirikyiri asu sɛ, “Due! Due! O! kuro kɛseɛ, O Babel, kuro a ɔwɔ tumi. Hwɛ! dɔnhwere baako pɛ mu, na w’atemmuo aba.”


Afei bɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa boɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ ayuyammoɔ to twenee po mu kaa sɛ, “Saa ahoɔdene yiaa ne bɛde bɛto Babilon kɛse he atwene fam a bennhu no bio.


Saa nti ne Yesu nso huu amane kuro he akyi sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔde ɔno ankasa ne mogyaa bɛte mane he ho.


na behuu ne hyeɛ wusie he, bɛteaam sɛ: Abɛ kuro ne te sɛ kuro kɛseɛ yi?”


Na nnipa a befiri amane so ne mmusuakuo ne kasa hodoɔ ne amane bi so bɛhwɛ bɛ afunu he nnansa ne fa, na bɛmma kwane mma bensie bɛ.


Saa ara ne Sodom ne Gomora ne nkuro a atwa bɛ ho ahyia a bɛyɔɔ sɛ yeinom, de bɛ ho maa adwamammɔfoɔ, na bekodii honam akɔnnɔ akyi a na ɔnyɛ ne kwane so, na bɛde daa gya twee bɛ aso de ayɔ nsɛnnahɔ ama yɛ.


na afei nso, sɛ ɔhyee Sodom ne Gomora nkuro ma no danee nsõ, na ɔde sɛeɛ buu bɛ fɔ hyee bɛ ase de bɛ yɔɔ nhwɛsoɔ maa bɛ a akyire yi bɛbɛyɛ amumuyɔdeɛ,


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, atemuda he Nyankopɔn behu Sodom ne Gomora mpo mmɔbɔ akyɛne saa kuro he.


Ɔteaam dendenndene sɛ, “Wahwe ase! Babel kɛseɛ ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa nso atenaeɛ. Nnomaa fi a bekyiri bɛ nyinaa te ne mu.


Kuro kɛseɛ he mu paee mmeɛnsa, na amane nyinaa nkuro akɛseɛ sɛesɛee. Nyankopɔn kaee Babel kɛseɛ he maa ɔnom nsa a ano ɔdene he, firii ne kuruwa ano.


Bɔfoɔ a ɔto so mmienu dii akyire kaa sɛ, “Wahwe ase! Babilon kɛseɛ ahwe ase, efiri sɛ waama amanamane nyinaa anom n’adwamammɔ nsa dendene he bi.”


Saa mmerɛ heaa, asaase wosoo dendenndene, kuro he nkyekyɛmu du mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ ɔnam asaasewosoɔ he nti. Nnipa a bɛaka he bɔɔ hu na bɛkamfoo Nyankopɔn a ɔya soro he kɛseyɛ.


na afei bɛafiri (nɔkorɛ he) ho, esiane sɛ bɛ ankasa bɛbɔ Nyankopɔn Ba he asennua mu bio na bebu no animtia he, bɛbɛma bɛ nso bɛaba adwensakram bio.


Na ɔhwee fam, na ɔtee sɛ nne bi ɔɔka kyerɛ no sɛ, “Saulo, Saulo, mmɛ nti ne wotaa me?”


Na ɔno mu ne behuu adiyifoɔ ne ahoteefoɔ ne bɛ a bɛaku bɛ asaase so he nyinaa mogyaa.”


Na bɛatwerɛ dini bi ya ne moma so a ne nkyerɛaseɛ yɛ ahintasɛm: “Babel kɛseɛ he, asaase so adwamanfoɔ ne akyiwadeɛ na.”


Afei abɔfoɔ nson he mu baako a okita nkuruwaa nson he ka kyerɛɛ me sɛ, “Bra na menkyerɛ wo dwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so he atemmuo.


Na betiatiaa nsa-kyi-amena he so kuro he akyi, na mogyaa firii nsa-kyi-amena he mu taa hɔ foro koduru bɛyɛ sɛ apɔnkɔ nnareka ho, na ɔtenee kɔɔ bɛyɛ nkwansini ha aduowɔtwe nnan.


Afei baa a wohuu no he yɛ kuro kɛseɛ a odi asaase so ahemfo so hene he.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite