Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 11:2 - Apam Foforɔ

2 Nso mfa asɔredane he mfikyiri nka ho, efiri sɛ, bɛde hɔ ama amanamane mufoɔ, na bebetiatia kuro kronkron he so abosome aduannan mmienu.

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 11:2
32 Referans Kwoze  

Baa he dwane kɔɔ serɛ so baabi a Nyankopɔn asiesie ama no a bɛbɛhwɛ no hɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu.


na bɛbɛtotɔ sekane ano na bɛafa bɛ nommum akɔ amanamane nyinaa mu; na amanamane he bɛsɛe Yerusalem kosi sɛ amanamane he mmerɛ a bɛahyɛ he bɛ duru.


Mɛsoma m’adansefoɔ mmienu a befirafira ayitoma, na bɛaka adiyisɛm nna apem ahanu ne aduosia.”


Na mehuu Kuro Kronkron a ɔyɛ Yerusalem foforɔ sɛ osiane afiri soro afiri Nyankopɔn nkyɛne ɔɔba fam, a bɛasiesie ne ho sɛ ayeforɔ a bɛahyehyɛ no ama ne kunu.


Na sɛ bi nso yi bi firi adiyisɛm a ɔya saa nwoma yi mu he mu a, Nyankopɔn beyi ne kyɛfa a obenya afiri nkwa dua he aba he ne kuro Kronkron a bɛakyerɛkyerɛ mu nwoma yi mu he.


Na Yesu wusɔreɛ akyi he, befirii bɛ adamenam kɔɔ Yerusalem, Yudafoɔ kuro kronkron he mu koyiyii bɛ ho adi kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree.


Hone asaase yi so nkyene; nso sɛ nkyene dɛ yera a, ɔbɛyɛ dɛ na ayɛ nkyene bio? Bɛmmfa nnyɔ hwee bio, gye sɛ bɛto gu ma betiatia so.


Afei Bronsam de no kɔɔ kuro kronkron he mu de no kosii asɔredane he atifi,


Na nnansa ne fa akyi he, honhom a ofiri Nyankopɔn bewuraa bɛ mu na bɛsɔre gyinaeɛ. Na hu kɛseɛ kãã biaa a ohuu bɛ.


Mmɛ asotwe koraa ne ɔboro so a hosusu sɛ ɔfata sɛ bɛde bɛtwe bɛ a bɛde Nyankopɔn Ba he anim atwitwi fam na bɛabu apam mogyaa a bɛde tee bɛ ho he animtia, na bɛasopa adom Honhom he?


Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔ kɛseɛ tentene bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ofiri soro, Nyankopɔn hɔ ɔɔba fam,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite