Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Honsuro Nyankopɔn na honkamfo ne kɛseyɛ, efiri sɛ, berɛ he aduru sɛ obu adasamma atɛne. Honsom nea ɔbɔɔ soro, asaase, po ne nsuti he!”
“Anuanom, ɛɛne nti ne ho ɔɔyɔ yei? Yɛ nso yɛyɛ nnipa sɛ hoaa, na yɛka asɛmpa kyerɛ ho sɛ honnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Nyankopɔn a ɔte ase he nkyɛne; ɔno ne bɔɔ soro ne asaase ne po ne deɛ ɔya mu nyinaa.
Ewom sɛ Nyankopɔn daa tumi ne ne nyamesu yɛ adeɛ a ani nhu deɛ, nso ofiri adebɔ mfitiaseɛ he, ne nnoɔma a wayɔ he ada no adi pefee, ama bɛde adwene ahu mu. Nti benni anoyie biaa;
efiri sɛ menenam kuro he mu na mehwɛɛ nnoɔma a hosom he, mehuu afɔrebokyia bi a bɛatwerɛ ho, ‘Yei yɛ Nyame Bi a Yennim No Dea.’ Nti nea hosom a honnim no he, ɔnoaa ne meeka ne ho asɛm akyerɛ ho yi.