Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 1:4 - Apam Foforɔ

4 Nsɛm a Yohane de kɔmaa asafo ahodoɔ nson a na bɛya Asia he di: Adom mmra ho so. Afei nso, asomdwie a ofiri nea ɔya hɔ, seesei, na ɔya hɔ firi tetentredee, na ɔya hɔ daa he, ne ahonhom nson a ɔya n’ahennwa anim,

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 1:4
41 Referans Kwoze  

Sɛnea Yesu Kristo teɛ nnora he, ɔte saa nnɛ, na ɔbɛyɛ saa ara daa.


Mfitiaseɛ he na Asɛm he ya hɔ, na Asɛm he ne Nyankopɔn ne bɛya hɔ, na Asɛm he ankasa nso yɛ Nyankopɔn.


Afei mehuu adwamaa bi sɛ ogyina ahennwa he mfimfini a ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ he atwa ne ho ahyia. Wohwɛ a, na ɔte sɛ nea bɛaku no. Na ɔwɔ mmɛne nson ne ani nson a ogyina hɔ ma Nyankopɔn ahonhom nson a bɛasoma bɛ aba wiase he.


Na anyinam ne nne ahodoɔ ne apranaa boboom firi ahennwa he mu. Na nkanea nson a bɛasosɔ a ɔɔdɛre ya ahennwa he anim. Na yeinom ne Nyankopɔn ahonhom nson.


“Mene ahyɛaseɛ ne awieeɛ,” Awurade Nyankopɔn ne ɔɔka, ɔno ne ya hɔ seesei na ɔya hɔ firi tetentredee na ɔya hɔ daa, ade nyinaa so tumfoɔ, he.


“Twerɛ krataa kɔma Sardi asafo he mu bɔfoɔ sɛ: “Yei ne nsɛm a ofiri nea ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson he nkyɛne. “Menim wo nnwuma; wowɔ dini sɛ wote ase deɛ, nso woawu.


Akyɛdeɛ pa ne nnoɔma a ɔyɛ pɛ nyinaa firi soro, ofiri hann Agya he hɔ ne ba. Ɔno ne nsakraeɛ anaa adanedaneɛ sunsum biaa nni ne mu.


Na ateasefoɔ nnan he mu biaa wɔ ntabane nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa bɛto nnwom sɛ, “Kronkron, Kronkron, Kronkron ne Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ a na ɔya hɔ tetentredee, na seesei nso ɔya hɔ, na ɔya hɔ daa.”


“Twerɛ krataa kɔma Filadelfia asafo he mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri nea ɔyɛ kronkron, a ɔyɛ nɔkwafoɔ a okita Dawid safoa a sɛ obie a, bi ntumi nto mu, na ɔto mu nso a, bi ntumi mmie, he nkyɛne.


Me Paulo ne meetwerɛ krataa yi de abra ho, Nyankopɔn adɔfoɔ, a hoya Roma nyinaa, ho a bɛafrɛ ho sɛ hommɛyɛ ahoteefoɔ he: Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.


“Twerɛ krataa yi kɔma Smirna asafo mu bɔfoɔ he sɛ: ‘Saa asɛm yi firi kannifoɔ ne kyidifoɔ he nkyɛne. Ɔno ne wuiɛ, na ɔte ase bio he.


Nsoromma nson a wohu no me nsa nifa mu ne sika nkaneadua he nkyerɛaseɛ a ɔyɛ ahintasɛm he di: Nsoromma nson he yɛ asafo nson he abɔfoɔ, na nkaneadua nson he nso yɛ asafo nson he.”


Ɔkaa sɛ, “Twerɛ bibiaa a wohu gu nwoma mu, na fa nwoma he kɔma asafo ahodoɔ nson yi: Deɛ ɔya Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.”


Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.


Adom ne asomdwie a ofiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu hɔ nka ho.


“Twerɛ krataa kɔma Laodikea asafo mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri Amen a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ a ɔyɛ bibiaa a Nyankopɔn bɔeɛ he abɔseɛ nkyɛne.


“Twerɛ krataa kɔma bɔfoɔ a ɔya Tiatira asafo mu sɛ: Yei ne asɛm a ofiri Nyankopɔn Ba a n’ani dɛre sɛ gyaframa a ne nane ase hyerɛn sɛ yaawa he nkyɛne.


“Twerɛ krataa yi kɔma bɔfoɔ a ɔya Pergamo asafo mu sɛ: Saa krataa yi firi nea ɔwɔ nkrantɛ anofanu a ɔnam he nkyɛne.


Saa nwoma yi fa Yesu Kristo adiyisɛm a Nyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nnoɔma a otwa sɛ ɔba ntɛm. Kristo somaa ne bɔfoɔ kɔɔ ne n’akoa Yohane nkyɛne kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no.


Yei toa so mfie mmienu, na bɛ a bɛte Asia mpɔtamu nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa, tee Awurade asɛm.


Ye mu binom firi Partia, Media, Elam, Mesopotamia, Yudea, Kapadokia, Ponto, Asia,


Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.


Mehuu no he, mekɔhwee ne nane ase yɛɛ te sɛ wufoɔ. Na ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ, “Nsuro! Mene Kannifoɔ ne Kyidifoɔ.


Afei mehuu abɔfoɔ nson a begyinagyina Nyankopɔn anim. Bɛmaa bɛ ntotorobɛnto nson.


Metee sɛ bɔfoɔ a ɔhwɛ nsuo so he ɔɔka sɛ, “O Kronkronni a wotene, na woya hɔ, na woya ha firi tetentredee, w’atɛne a wobuiɛ he yɛ atɛntenenee.


Na me, Yohane, mene mehuu nnoɔma yi na meteeɛ. Na meteeɛ na mehuiɛ he, mehwee ase sɛ meekoto asɔre bɔfoɔ a ɔkyerɛɛ me nnoɔma yi.


“Me, Yesu, ne masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛbɔ ho saa nwoma yi nyinaa ho amanneɛ ya asafo mu. Mene Dawid nhini ne n’aseni, mene anɔpa nsoromma a ɔhyerɛn he.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite