Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Adiyisɛm 1:10 - Apam Foforɔ

10 Awurade da he, na meya Honhom mu, na metee nne dendene bi ya m’akyi a ɔte sɛ totorobɛnto.

Gade chapit la Kopi




Adiyisɛm 1:10
13 Referans Kwoze  

Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔ kɛseɛ tentene bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ofiri soro, Nyankopɔn hɔ ɔɔba fam,


Honhom he faa me maa bɔfoɔ he de me kɔɔ serɛ so. Hɔ ne mehuu baa bi sɛ ɔte aboa kɔkɔɔ bi a abususɛm dini ahyɛ no mã so. Na aboa he wɔ ti nson ne mmɛne du.


Da a odi nnanwɔtwe kane he, berɛ a na yɛahyiam oobubu paanoo he, Paulo firi aseɛ sɛ ɔne bɛ ɔɔkasa, efiri sɛ na waayɛ n’adwene sɛ adeɛ kye a obefiri hɔ. Nti ɔtoaa so kasaeɛ a kosii anadwo dasuom.


Nnawɔtwe he mu da a odi kane biaa he, ho mu biaa nhwɛ deɛ wanya na onyi bibi nsie na ho mmoaboa ano, na amma sɛ berɛ a hobehu me hɔ he afei ne hoobɛgyegye ntoboa he.


Na saa da he yɛ nnawɔtwe he da a odi kane. Na nwunu dwoeɛ he, ewom sɛ na Yudafoɔ ho hu nti asuafoɔ he atoto apono mu baabi a na bɛya he deɛ, nso Yesu ba begyinaa bɛ mfimfini, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho!”


Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa deɛ a mmɛ nti ne Dawid nam Honhom he so frɛ no Awurade, berɛ a ɔkaa sɛ,


Ne nnawɔtwe akyi he, na asuafoɔ he ya dane mu bio a na Toma nso ka ho. Ewom sɛ na bɛatoto apono he mu deɛ, nso Yesu ba begyinaa bɛ mfinfini, na ɔkaa sɛ, “Asomdwie nka ho!”


Nti mepɛ sɛ hote aseɛ sɛ biaa a ɔnam Nyankopɔn honhom mu kasa he nka sɛ, “Yesu yɛ abusudeɛ,” na biaa ntumi nka sɛ “Yesu yɛ Awurade” gye sɛ ɔnam Honhom Kronkron so.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite