Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 9:6 - Apam Foforɔ

6 Sɔre kɔ kuro he mu na bɛbɛka nea ɔsɛ sɛ woyɔ akyerɛ wo.”

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 9:6
33 Referans Kwoze  

Na mekaa sɛ, “Owura, ɛɛne ne menyɔ?” Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre, kɔ Damasko na hɔ ne wobɛte bibiaa ɔsɛ sɛ woyɔ.”


Afei, sɔre gyina. Na yei nti ne mama woahu me, sɛ meeyi wo sɛ somfoɔ ne adansefoɔ nea woahu ne nea mɛma woahu afa me ho nyinaa ho.


Saa nti, m’adɔfoɔ, sɛnea hoyɔ setie ma me daa he, ɔnyɛ sɛ berɛ a meya ho nkyɛne nkoaa mu, na mmom seesei a menni ho nkyɛne titire he, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ hoaa ho nkwagyeɛ ho adwuma;


Hedeɛ, Yesaia nyaa akokoɔduro paa sɛ ɔkaa sɛ, “Bɛ a bɛanhwehwɛ me he, bɛahu me; Maayi me ho adi akyerɛ bɛ a bɛanhwehwɛ me.”


efiri sɛ, benni tenenee a ofiri Nyankopɔn hɔ he ho nimdeɛ, esiane sɛ bɛpɛ sɛ bɛde bɛ ankasa bɛ tenenee si hɔ nti, bɛmfa bɛ ho nhyɛ Nyankopɔn tenenee mu.


Na mekwatii mmara he tenaa ase berɛ bi, nso berɛ a mmaransɛm he baeɛ he, bɔne nyaneɛ


Nso mmara he baa sɛ mmarato bɛdɔɔso; nso sɛ bɔne dɔɔso a, adom broo so kyɛne saa.


Nti soma kɔ Yopa kɔfrɛ Simon a bɛfrɛ no Petro he. Saa beema yi abɛsoeɛ Simon a ɔyɛ nwomahyɛni he fie po he ano.’


Bɛkaa sɛ, “Bɔfoɔ kronkron bi de Nyankopɔn akwankyerɛ maa Konelio, asraafoɔ ha so hwɛfoɔ, teneneeni a osuro Nyankopɔn, a Yudafoɔ nyinaa bɔ no dini pa he sɛ ɔnsoma ma bɛmmɛfa wo mmra ne fie na ontie nea wowɔ ka.”


Saa beema yi akɔsoeɛ nwomahyɛni bi a ɔde Simon a ne fie ya po he ano.”


Na bɛteeɛ he, asɛm he wowɔɔ bɛ akoma mu, na bebisaa Petro ne Asomafoɔ a bɛaka he sɛ, “Anuanom, ɛɛne ne yɛnyɔ?”


Na nnipadɔm he bisaa no sɛ, “Saa dea, mmɛ ne yɛnyɔ?”


Nso adikanfoɔ he mu pii bedi akyire, na akyikafoɔ mmom abedi kane.


Nso adom a ɔde ma he dɔɔso; nti ɔka sɛ, “Nyankopɔn si ahantafoɔ kwane, na ɔdom ahobrɛaseɛfoɔ.”


Obisaa sɛ, “Wo ne hwane, owura?” Na ɔkaa sɛ, “Me ne Yesu, nea wootaa no he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite