Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 8:5 - Apam Foforɔ

5 Filipo kɔɔ Samaria kuro he mu na ofirii aseɛ pae mu kaa Agyenkwa he ho asɛm kyerɛɛ bɛ.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 8:5
18 Referans Kwoze  

Nea bɛkaeɛ he sɔɔ nnipakuo he nyinaa ani, na beyii Stefano a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no mma, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Parmena ne Nikolao a ofiri Antiokia a wasakra abɛyɛ Yudani he.


Adeɛ kyeeɛ he, yefirii hɔ kɔɔ Kaesarea; na yɛkɔɔ asɛmpakani Filipo a na ɔyɛ nnipa nson a asomafoɔ he de akunafoɔ aduanema ho dwumadie hyɛɛ bɛ nsa he mu baako fie, na yɛtenaa ne nkyɛne.


Na Filipo kopiee Asdod, na ɔkɔfaa asaase he so toaa so pae mu kaa asɛmpa he kyerɛɛ nkuro he nyinaa kosii sɛ oduruu Kaesarea.


efiri sɛ biaa nni hɔ a obetumi ato fapem foforɔ bi aka fapem dada a bɛato a ɔno ne Yesu Kristo he ho.


Na yɛ deɛ, yɛka Kristo a bɛbɔɔ no asennuam he ho asɛm, ɔyɛ sintidua ma Yudafoɔ na ɔyɛ nkwaseasɛm ma Helafoɔ;


Na bɛkɔɔ so kyerɛkyerɛeɛ, kaa Kristo Yesu ho asɛmpa ya asɔrefie ne afie afie mu daa a bɛannyae.


Na mmom nɛbɔɔ me tim pɔ sɛ memmfa m’adwene nsi bibiaa so ka Yesu Kristo, ne bɔ a bɛbɔɔ no asennua mu he ho.


Na ntɛmaa ofirii aseɛ hyia adane mu kaa Yesu ho asɛm sɛ “Yesu ne Nyankopɔn Ba he.”


Saulo nso penee kuu a na beeku Stefano he so. Saa da he taa kɛseɛ bi baa asafo a ɔya Yerusalem he so; na bɛ nyinaa bɔ hwetee Yudea ne Samaria nyinaa.


na mmom sɛ Honhom Kronkron he nya ba ho so a, hobenya ahoɔdene, na hoayɛ m’adansefoɔ ya Yerusalem, Yudea ne Samaria de akɔpem asaase ano nohoa.”


Berɛ a nnipakuo he tieeɛ na behuu nsɛnkyerɛnne a Filipo ɔɔyɔ he, bɛde akoma korɔ tiee no.


Afei Awurade bɔfoɔ bi ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Sɔre na kɔ anaafoɔ fam hɔ kwane a ofiri Yerusalem kɔ Gaza he.” (Yei yɛ serɛ so kwane).


Nti Filipo tuu mirika kɔɔ ho na ɔtee sɛ ɔɔkenkane diyifoɔ Yesaia nwoma he; na obisaa sɛ, “Wote nea wookane yi ase?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite