Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 8:4 - Apam Foforɔ

4 Na afei bɛ a bɛabɔ ahwete he kyinii asaase he so pae mu kaa asɛmpa he.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 8:4
8 Referans Kwoze  

Afei bɛ a ahohiahia a ɔnam Stefano so baeɛ he maa bɛbɔ hweteeɛ he kɔeɛaa kɔfaa Foinike ne Kipro ne Antiokia, nso bɛanka asɛm he ankyerɛ biaa sɛ Yudafoɔ nkoaa.


Saulo nso penee kuu a na beeku Stefano he so. Saa da he taa kɛseɛ bi baa asafo a ɔya Yerusalem he so; na bɛ nyinaa bɔ hwetee Yudea ne Samaria nyinaa.


Sɛ bɛtaa ho kuro baako so a, honwane nkɔ kuro foforɔ so; na nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, honnkɔ Israel nkuro nyinaa mu na Nipa Ba he aba.


na ɔyam sɛ yedii kane huu amane na beguu yɛ anim ase ya Filipi deɛ, nso sɛdeɛ honim he, yenyaa akokoɔduro ya yɛ Nyankopɔn mu paee mu kaa Nyankopɔn asɛmpa, ɔmfa ho ne sɔretia kɛseɛ a ɔbaa yɛ so he mpo.


Na Paulo ne Barnaba kɔɔ so tenaa Antiokia, na bɛ ne nnipa foforɔ binom kyerɛkyerɛeɛ na bɛkaa Awurade asɛm.


sɛnea bɛ a befiri mfitiaseɛ de bɛ ani huiɛ na bɛyɛɛ asɛm he ho asomfoɔ he de abra yɛ he nti,


Na afei, berɛ a bɛgyee Filipo a na ɔɔka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa ne Yesu Kristo dini he diiɛ he, ɔbɔɔ bɛ asu, mmaa ne mmeema nyinaa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite