Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 8:12 - Apam Foforɔ

12 Na afei, berɛ a bɛgyee Filipo a na ɔɔka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa ne Yesu Kristo dini he diiɛ he, ɔbɔɔ bɛ asu, mmaa ne mmeema nyinaa.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 8:12
22 Referans Kwoze  

Afei Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsakra ho adwene, na ho nyinaa homma bɛmmɔ ho asu Yesu Kristo dini mu, na hoanya bɔne fakyɛ, na hobenya akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he.


N’amanehunu akyi he, ɔnam adanseɛ pii so yii ne ho adi kyerɛɛ bɛ sɛ ɔte ase maa behuu no adaduannan ntam. Na ɔkaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm.


Nti honkɔyɛ amane nyinaa m’asuafoɔ, na hommɔ bɛ asu nhyɛ Agya he, Ɔba he ne Honhom Kronkron he dini mu,


Ɔno na afei ne nsɛso a ɔno ne asubɔ he, gye ho nso nkwa, a ɔnyɛ honam ho fi yi mu, na mmom ɔyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ.


Na bɛ a bɛde anigyeɛ gyee n’asɛm he maa bɛbɔɔ bɛ asu, na saa da he akra bɛyɛ mpem mmeɛnsa nso bɛyɛɛ asuafoɔ.


Nsonsonoeɛ nni Yudani anaa Helani, akoa anaa dehyeɛ, baa anaa beema ntam bio, efiri sɛ, ho nyinaa yɛ baako Kristo mu.


Na akoma ne bɛde gye di ma bebu bɛ bem, na ano ne bɛde pae mu ka nya nkwa.


Nso Awurade mu he, baa nne ne ho mfiri beema ho na beema nso nne ne ho mfiri baa ho.


na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm de nnamyɛ kɛseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ Awurade Yesu Kristo ho nsɛm a bibiaa ansi ho kwane.


“Na afei menim sɛ ho a me ne ho tenaeɛ na mebɔɔ ahennie he ho dawuro he mu biaa onhu me bio.


Na mmom medii Nyankopɔn fam adwensakra ne yɛ Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa.


Krispo a na ɔyɛ hyiadane he mu panyini ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ. Na Korintofoɔ he a betie Paulo he nso gye diiɛ na bɛbɔɔ bɛ asu.


Na binom ya bɛ mu a bɛyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ a bɛaba Antiokia. Saa nnipa yi pae mu kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ nnipa a bɛka Hela kasa he.


Na afei, afei, nea ɔkyɛne so ne sɛ mmeema ne mmaa pii a bɛagye Awurade adi he bɛkaa bɛ ho.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma awufoɔ nsie bɛ awufoɔ, na wo deɛ, kɔka Nyankopɔn ahennie he ho asɛm.”


Na ɔsomaa bɛ sɛ bɛnkɔ pae mu nka Nyankopɔn ahennie he ho asɛm na bɛnsa yadeɛ,


Na afei bɛ a bɛabɔ ahwete he kyinii asaase he so pae mu kaa asɛmpa he.


Na bɛtee yei he, bɛbɔɔ bɛ asu Awurade Yesu dini mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite