6 Bɛde bɛ begyinaa asomafoɔ he anim, na bɛde bɛ nsa guu bɛ so bɔɔ mpaeɛ maa bɛ.
Yei nti, meekae wo sɛ kanyane Nyankopɔn akyɛdeɛ a ɔnam me nsa a mede guu wo so ba wo mu he;
Na bɛbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim nnipa nyinaa akomam, kyerɛ mmienu yi baako a woayi no
Mmu w’ani ngu akyɛdeɛ a ɔya wo mu he so, meekyerɛ akyɛdeɛ a ɔnam nkɔmhyɛ so baa wo so, berɛ a asafo mpanyimfoɔ badwa he de bɛ nsa guu wo so he.
Na afei Petro ne Yohane de bɛ nsa guu bɛ so, na benyaa Honhom Kronkron he.
Na bɛyɔɔ akɔmkyene wieeɛ a bɛbɔɔ mpaeɛ he, bɛde bɛ nsa guu bɛ so gyaa bɛ kwane.
Nti Anania kɔeɛ na ɔhyɛne fie he mu, na ɔde ne nsa guu no so kaa sɛ, “Me nua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo kwane a na wonam so ɔɔba so he ne asoma me, sɛnea ɔbɛyɛ a wobehu adeɛ bio na Honhom Kronkron ahyɛ wo ma.”
Mpre wo ho mfa wo nsa ngu biaa so, na nyɔ afoforɔ bɔne bi; ma wo ho nte.
nkyerɛkyerɛ a ɔfa asubɔ hodoɔ ho, nsa a bɛde gu nkurofoɔ so, awufoɔ sɔreeɛ, ne daa atemmuo ho.
na ɔsrɛɛ no pii sɛ, “Meba baa oowu. Bra na fa wo nsa begu ne so, na ne ho nyɛ no dene, na onya nkwa.”
na waahu beema bi a bɛfrɛ no Anania ya anisoadehunu mu sɛ waba de ne nsa abegu no so sɛnea obehu adeɛ bio”
Na Paulo de ne nsa guu bɛ so he, Honhom Kronkron he baa bɛ so, na bɛkaa kasa hodoɔ hyɛɛ nkɔm.