Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 5:12 - Apam Foforɔ

12 Bio nso, Nyankopɔn nam asomafoɔ he so yɔɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ bebree nnipa he mu, na na bɛ nyinaa de akoma koro ya Salomo abranaa he so.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 5:12
22 Referans Kwoze  

Na Nyankopɔn nam Paulo so yɔɔ anwanwadeɛ soronko.


Somafoɔ nsɛnkyerɛnne mapa he deɛ, bɛayɔ no ho mu boasetɔ nyinaa mu, nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛ mu.


berɛ a Nyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛyɔ bebree, ne Honhom Kronkron akyɛdeɛ a ɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ne pɛ teɛ he dii ho adanseɛ bi.


Na bɛtenaa hɔ berɛ pii de akokoɔduro kasa maa Awurade, na Awurade ankasa dii n’adom ho asɛm he ho adanseɛ denam nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ahodoɔ a ɔnam bɛ nsa so yɔeɛ he so.


tumi a ɔyɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne, Nyankopɔn Honhom tumi mu, sɛ maawie Kristo asɛmpa he ka firi Yerusalem de kosi Iliriko.


Berɛ a beema he kita Petro ne Yohane mu he, nnipa a bɛya hɔ he nyinaa de ahodwiri tuu mmirika kɔɔ bɛ nkyɛne bea bi a bɛfrɛ hɔ Salomo abranaa so.


Na Yesu nenam asɔrefie hɔ, Salomo abranaa he so.


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu dini so yɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ yi.”


Na bɛ nyinaa bɛde akoma korɔ tuu bɛ ho sii hɔ maa mpaebɔ, a na mmaa a bɛne Yesu nanteeɛ he ne Yesu maame Maria ne Yesu nuanom nso ka ho.


Na bɛkɔɔ abɔntene kɔbɔɔ asɛm he dawuro baabiaa, na Awurade de bɛ yɔɔ adwuma na ɔde nsɛnkyerɛnne a odi akyire hyɛɛ asɛm he dene.]


Ɔkɔɔ so yɔɔ saa nna pii. Na ɔyɛɛ Paulo ahomte ma ɔdanee n’ani ka kyerɛɛ honhom he sɛ, “Mehyɛ wo Yesu Kristo dini mu sɛ firi ne mu firi” Na ofirii ne mu saa dɔno heaa.


Na Petro maa biaa pie kɔɔ abɔntene, na obuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee ne ho hwɛɛ amu he kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Obiee n’ani, na n’ani bɔɔ Petro so he, ɔsɔre tenaa ase.


Hɔ ne ohuu beema bi a bɛfrɛ no Aenia a wabubu ada ne mpa so mfie nwɔtwe.


Da biaa na behyiam asɔrefie hɔ, na bebubu paanoo afie mu, de anigyeɛ ne akoma a mu te didi bom


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ho deɛ, hoanhu nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a honnye nni.”


Yei akyi he, supɔ he so nnipa a aka a bɛwɔ nyarewa nso firii aseɛ baa ne nkyɛne maa ɔsaa bɛ yadeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite