Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 5:11 - Apam Foforɔ

11 Na hu kɛseɛ bɔɔ asafo he ne bɛ a bɛteeɛ nyinaa.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 5:11
14 Referans Kwoze  

Anania tee asɛm he, ɔhwee ase wuiɛ. Na hu kɛseɛ bɔɔ bɛ a bɛteeɛ he nyinaa.


Nti, esiane sɛ bɔhyɛ da so ya hɔ sɛ yebetumi ahyɛne n’ahomegyeɛ mu nti, homma yɛnhwɛ yie sɛ ho mu bi ɔnntɔ ho sini daakye;


Na Yudafoɔ ne Helafoɔ a bɛte Efeso tee yei he, hu kɛseɛ bɔɔ bɛ nyinaa, na bɛkɔɔ so kamfõõ Awurade Yesu dini.


Saa nti, m’adɔfoɔ, sɛnea hoyɔ setie ma me daa he, ɔnyɛ sɛ berɛ a meya ho nkyɛne nkoaa mu, na mmom seesei a menni ho nkyɛne titire he, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ hoaa ho nkwagyeɛ ho adwuma;


Honhwɛ yie na Nyankopɔn adom he ammɔ biaa; na nhini biaa a nwonwono yam amfifiri ho mu na ammɛyɛ haw amma ho, na angu nnipa bebree ho fi.


Nti esiane sɛ yɛanya ahennie a ɔnwoso yi, homma yɛmfa aseda mmra mfa so nsom Nyankopɔn sɛdeɛ ɔsɔ n’ani anidie ne ahodasoɔ mu,


Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.


Na sɛ hofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim, na obu atɛne sɛdeɛ biaa adwuma teɛ he sɛ Agya a, homfa suro mmɔ ho bra ho ahɔhobea tenabea yi mu.


Gyidie so ne Noah, mmerɛ a Nyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ faa nnoɔma a obesi ho he, ɔde anidie gyee kɔkɔbɔ he too mu na ɔyɔɔ adaka de gyee ne fiefoɔ nkwa; Noah nam saa so buu wiase fɔ, na ɔnam ne gyidie so bɛyɛɛ tenenee adedifoɔ.


Na hu tɔɔ akra nyinaa so, efiri sɛ Asomafoɔ he yɔɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne pii.


Saa berɛ heaa mu asafo a ɔyeya Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwie, na bɛyɛɛ nam. Na bere a bɛde Awurade suro ne Honhom Kronkron he awerekyekyerɛ nanteeɛ he, bɛkɔɔ so dɔreeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite