25 Hoyɛ adiyifoɔ he ne apam a Nyankopɔn ne ho agyanom pameeɛ he mma, sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘W’aseni so ne bɛbɛfa ahyira asaase so mmusua nyinaa he.’
Na ɔnam sɛ twerɛsɛm he hu sieeɛ sɛ ɔnam gyidie so ne Nyankopɔn bebu Amanamane mufoɔ bem nti, ɔkaa asɛmpa he ho asɛm kyerɛɛ Abraham sɛ, “Wo mu ne bebehyira Amanamane mufoɔ nyinaa,” ansa na asɛmpa he ɔɔba.
Yei akyi he, mehwɛeɛ, na mehuu nnipakuo a biaa ntumi nkane bɛ dodoɔ a befiri amane ne mmusuakuo ne nkurofoɔ ne kasa nyinaa mu a begyinagyina ahennwa he ne Adwamaa he anim a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa kitakita berɛɛ.
Na bɛde bɔhyɛ he maa Abraham ne n’aseni; twerɛsɛm he nka sɛ, “Ɔne n’asefoɔ,” te sɛ nea bɛyɛ bebree; na mmom ɔka sɛ, “Ɔne w’aseni,” nti, n’aseni he yɛ nipa baako, na ɔno ne Kristo.
Afei mehuu bɔfoɔ foforɔ bi sɛ watu nam soro soro a ɔɔkɔka Asɛmpa a ontwam da he akyerɛ asaase so nnipa a amane ne mmusuakuo ne kasa ne nkurofoɔ nyinaa ka ho.
Bɛtoo nnwom foforɔ bi sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma he, na wote nsɔano he ano, efiri sɛ, bekuu wo, na bɛde wo mogyaa atɔ nnipa afiri abusua, kasa, mane ne nkurofoɔ ahodoɔ mu ama Nyankopɔn.