Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 3:1 - Apam Foforɔ

1 Da koro bi, ɔɔkɔ bɔ awia nnɔn mmeɛnsa, mpaebɔ berɛ he, Petro ne Yohane siim sɛ bɛɛkɔ asɔrefie.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 3:1
27 Referans Kwoze  

Bɛyɛ awia nnɔn mmeɛnsa berɛ mu he, ohuu Nyankopɔn bɔfoɔ pefee anisoadehunu mu sɛ waba ne nkyɛne na ɔɔfrɛɛ no sɛ, “Konelio.”


Na behuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so he, na behuu sɛ bɛyɛ nnipa a bensuaa nwoma na bɛyɛ mpapahwekwaa he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa. Na behuu sɛ na bɛne Yesu ne nanteeɛ.


Na berɛ a ɔɔhye aduhwam he, na nnipadɔm he nyinaa ya adihɔ ɔɔbɔ mpaeɛ.


Afei nipa bi bɛbɔɔ bɛ amanneɛ sɛ, “Hwɛ! Mmeema a hode bɛ guu afiase he ya asɔrefie hɔ, na begyinagyina hɔ ɔɔkyerɛkyerɛ nkurofoɔ he.”


Na bɛtenaa asɔre fie hɔ daa yii Nyankopɔn ayɛ.


Na afei asomafoɔ a bɛya Yerusalem tee sɛ Samariafoɔ agye Nyankopɔn asɛm he, bɛsomaa Petro ne Yohane kɔɔ bɛ nkyɛne.


Da biaa na behyiam asɔrefie hɔ, na bebubu paanoo afie mu, de anigyeɛ ne akoma a mu te didi bom


Na suani a Yesu dɔ no he ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Ɔyɛ Awurade!” Petro tee sɛ ɔyɛ Awurade he, ɔde n’ataadeɛ kyekyeree ne ho, efiri sɛ na ɔda adagya, na ohuri kɔhwee po he mu.


Nti Yesu somaa Petro ne Yohane ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ na honkosiesie Twam aduane he mma yemmedi.”


Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma mmeema mmienu he kaa ne ho, na ɔhyɛɛ aseɛ dii awerɛhoɔ na ne ho yera no.


Nnansia akyi he, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho kɔɔ bepɔ tentene bi so.


Na Konelio kaa sɛ, “Nnannan di, saa berɛ yi muaa, na meya me fie awia nnɔn mmeɛnsa berɛ mu ɔɔbɔ mpaeɛ, na hwɛ, beema bi a ɔhyɛ ataadeɛ hyerɛnhyerɛn begyinaa m’anim.


na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.


Na ofiri awigyina ɔɔkɔ he, sum baa asaase he nyinaa so kosii awia nɔn mmeɛnsa.


“Nnipa mmienu kɔɔ asɔre fie kɔbɔɔ mpaeɛ, na baako yɛ Farisini, na nea ɔka ne ho he yɛ togyeni.


Berɛ a ohuu Petro ne Yohane sɛ bɛɛkɔ asɔrefie hɔ he, ɔsrɛɛ sɛ bɛnkyɛ no sika.


Nso Petro ne Yohane hwɛɛ no gyee; na Petro kaa sɛ “Hwɛ yɛ.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite