2 Na nnipa a bɛya hɔ he yɛ pɔtɔfoɔ; na bɛdaa ayamyɛ sononko adi kyerɛɛ yɛ. Na nsuo a na ɔɔtɔ ne awɔ a na ɔyam nti, bɛsɔɔ gya maa yɛ de gyee yɛ nyinaa fɛ so.
Yei nti Helani ne Yudani, nea bɛatwa no twetia ne nea bentwaa no twetia, pɔtɔni, Skiteni, akoa anaa dehyeɛ nni saa foforɔyɛ he mu, na Kristo ne ade nyinaa, na ɔya bɛ nyinaa bɛ mu.
Berɛ a pɔtɔfoɔ he ani bɔɔ wɔ he so sɛ ɔsɛne ne nsa ho he, bɛka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Akyinnye biaa nni hɔ sɛ nipa yi yɛ wudifoɔ, na ɔyam sɛ waafiri po he mu afiri dwoodwoo deɛ, nso aweretɔ nti, ɔmma sɛ obenya ne ti adidi mu.”
Nso berɛ a Paulo boaboaa mmabaa bi ano a na ɔde oogu gya he mu he, ɔnam hyeɛ a na ofiri gya he mu ɔɔba nti, wɔ bi firii mmabaa he mu bɛto momanee ne nsa ho.
Ɔnsɛ sɛ bɛ a bedi nnoɔma nyinaa he bebu bɛ a benni nnoɔma bi he animtia, na bɛ a benni nnoɔma bi he nso, ɔnsɛ sɛ bebu bɛ a bedi he atɛne; efiri sɛ Nyankopɔn agye saa nipa he.