Na afei besii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia he, bɛde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ panyini bi a ne dini de Yulio a ofiri Roma Tumfoɔ asraafoɔ kuo he mu nsa.
Nso nnipa bi a befiri nea bɛfrɛɛ no Ahofadiefoɔ Hyiadane he mu ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne bɛ a befiri Kilikia ne Asia, sɔree sɛ bɛne Stefano oobedi anobaabaeɛ.
Na ohuu Yudani bi a bɛfrɛ no Akwila, Pontoni bi a na ofiri Italia aba ne nkyɛne, ne ne yerɛ Priskila, efiri sɛ na Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma. Nti ɔkɔɔ bɛ nkyɛne.