Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 27:3 - Apam Foforɔ

3 Adeɛ kyeeɛ he, yekoduruu Sidon. Yulio yii dɔ adi kyerɛɛ Paulo sɛ ɔmaa ne kwane maa no kɔsraa ne nnamfo sɛnea ɔbɛyɛ a bɛbɛma no nnoɔma a ho hia no he.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 27:3
12 Referans Kwoze  

Na ɔhyɛɛ asraafoɔ ha so panyini he sɛ ɔnhwɛ Paulo so na bɛannha no, na bɛmmara ne ho nipa biaa a ɔbɛba abɛsra no.


Afei berɛ a yɛkɔɔ Roma he, bɛmaa Paulo kwane maa ɔno nkoaa kɔtenaeɛ, na na sraani a ɔwɛne no ka ne ho.


Nso osiane sɛ na asraafoɔ panyini he pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa he nti, wamma bɛ ho kwane. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ bɛ a bebetumi adware he mfiti aseɛ nnware nkɔ mpoano.


Na afei besii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia he, bɛde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ panyini bi a ne dini de Yulio a ofiri Roma Tumfoɔ asraafoɔ kuo he mu nsa.


Afei nso Herode ani beree Tirofoɔ ne Sidonfoɔ so. Nti bɛyɛɛ anokorɔ baa ne nkyɛne, na berɛ a bɛmaa Blasto a ɔhwɛ hene daberɛ so tee bɛ aseɛ he, befirii aseɛ srɛɛ hwehwɛɛ asomdwie, efiri sɛ na hene he asaase so na mane he nya bɛ aduane.


“Korasin due! Betsaida due! Efiri sɛ, sɛ bɛyɔɔ tumideɛ a bɛayɔ no ho mu he, bɛyɔɔ no Tiro ne Sidon a, nka bɛasakra bɛ adwene afira ayitoma de nso apete bɛ tim de akyerɛ bɛ adwensakra dadaada.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite