Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 27:12 - Apam Foforɔ

12 Osiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nyɛ mma bɛ sɛ bɛbɛtena hɔ awɔ berɛ mu he nti, nnipa he pii pɛɛ sɛ, sɛ ɔbɛyɛ yie a, nka hyɛne he betu afiri hɔ akɔ Foinike, a ɔyɛ hyɛngyinabea a ɔya Kreta a ɔda atifi ne anafoɔ ntam ya atɔeɛ fam, ɔyɛ baabi a bebetumi atena hɔ awɔberɛ mu.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 27:12
8 Referans Kwoze  

Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kosii sɛ yebeduruu baabi a bɛfrɛ hɔ Hyɛne-Agyinaeɛ-Pa a ɔbɛne kuro Lasea.


Kretefoɔ ne Arabiafoɔ; na yɛte no yɛ kasa mu sɛ bɛɛka Nyankopɔn tumi ne ne nnwuma akɛseɛ ho asɛm.”


Hyɛne he kɔɔ bɔkɔɔ ma yedii nna pii ya po he so. Yɛbrɛeɛ ansa na yeeduru Kinido. Esiane sɛ na mframa ɔɔbɔ hyia yɛ nti, yɛfaa Kreta anaafoɔ fam baabi a na hɔ dwo sanee Salmone ho.


Mframa a ano ɔdene bɔ firii anafoɔ fam. Yei maa nnipa he susuu sɛ bebetumi atoa bɛ akwantuo he so sɛnea bɛahyehyɛ he. Nti betuu sɛkyɛ he de hyɛne he faa Kreta mpoano.


Nna bebree twaa mu a na biaa nnidiiɛ. Afei Paulo ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anuanom, sɛ hotiee me na yɛantu amfiri Kreta a, nka ɔnyɛ ɔno ne sɛ yeehu amane yi.


Yei nti ne megyaa wo Kreta, sɛ wobɛtoto nnoɔma a ohia sɛ bɛyɔ nyinaa yie, na woayi kuro biaa mu asafo mpayimfoɔ sɛdeɛ me kyerɛɛ wo sɛ:


Ɔyɛ bɛaa bɛ nipa baako a ofiri bɛ mu, bɛ ankasa bɛ diyifoɔ, ne kaa sɛ, “Kretafoɔ yɛ atorɔfoɔ daa, nkekaboa bɔne, akwadwofoɔ adidifoɔ.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite