Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 27:1 - Apam Foforɔ

1 Na afei besii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia he, bɛde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ panyini bi a ne dini de Yulio a ofiri Roma Tumfoɔ asraafoɔ kuo he mu nsa.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 27:1
29 Referans Kwoze  

Nso mehuu sɛ ɔnyɔɔ bibiaa ɔfata sɛ owu. Nti berɛ a ɔde asɛm he danee Tumfoɔ he, meyɔɔ m’adwene sɛ mede no bɛkɔ.


Afei Festo ne abadwafoɔ he de bɛ ti sɛɛ ho he, Festo buaa sɛ, “Kaesare ne wode asɛm he akɔdane no nti, Kaesare hɔ ne wobɛkɔ.”


Na beema bi ya Kaesarea a bɛfrɛ no Konelio, a ɔyɛ Italia asrafodɔm ha so panyini.


Nso asraafoɔ panyini he antie Paulo afutuo he, na mmom otiee nsɛm a hyɛnkafoɔ he ne hyɛne he wura kaeɛ he.


Na ohuu Yudani bi a bɛfrɛ no Akwila, Pontoni bi a na ofiri Italia aba ne nkyɛne, ne ne yerɛ Priskila, efiri sɛ na Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma. Nti ɔkɔɔ bɛ nkyɛne.


Honkyea ho mpayimfoɔ ne ahoteefoɔ he nyinaa ma me. Bɛ a befiri Italia he kyea ho.


Afei berɛ a yɛkɔɔ Roma he, bɛmaa Paulo kwane maa ɔno nkoaa kɔtenaeɛ, na na sraani a ɔwɛne no ka ne ho.


Nso osiane sɛ na asraafoɔ panyini he pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa he nti, wamma bɛ ho kwane. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ bɛ a bebetumi adware he mfiti aseɛ nnware nkɔ mpoano.


Hɔ ne asraafoɔ panyini he huu hyɛne bi a ofiri Aleksandria ɔɔkɔ Italia. Nti ɔde yɛ kɔtenaa mu.


Na ɔhyɛɛ asraafoɔ ha so panyini he sɛ ɔnhwɛ Paulo so na bɛannha no, na bɛmmara ne ho nipa biaa a ɔbɛba abɛsra no.


Na Paulo frɛɛ asraafoɔ ha so mpanyimfoɔ he mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa abranteɛ yi kɔ safohene nkyɛne, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.”


Saa anadwo he Awurade begyinaa ne nkyɛne kaa sɛ, “Nya akokoɔduro! Sɛnea wo adi me ho adanseɛ Yerusalem he, saa ara nso ne otwa sɛ wodi me ho adanseɛ Roma nso.”


Sraani panyini he tee yei he, ɔkɔɔ sahene he nkyɛne kɔbɔɔ no amanneɛ sɛ, “Mmɛ ne wopɛ sɛ woyɔ yi? Saa beema yi yɛ Romani”


na ntɛmaa ɔfaa asraafoɔ ne bɛ mpanyimfoɔ kɔɔ bɛ so. Berɛ a bɛ ani bɔɔ sahene he ne asraafoɔ he so he, begyae Paulo hweɛ.


Afei bewiee yeinom he, Paulo bɔɔ ne tim pɔ sɛ, sɛ ɔkɔfa Makedonia ne Akaia wie a, ɔbɛkɔ Yerusalem, na ɔkaa sɛ: “Sɛ meduru hɔ a, otwa sɛ mekɔ Roma nso.”


Na onyaa anisoadehunu heaa pɛ ne yesiim sɛ yɛɛkɔ Makedonia efiri sɛ yehuu sɛ Nyankopɔn ne wafrɛ yɛ sɛ yɛnkɔka asɛmpa he nkyerɛ bɛ.


Bɛkaa sɛ, “Bɔfoɔ kronkron bi de Nyankopɔn akwankyerɛ maa Konelio, asraafoɔ ha so hwɛfoɔ, teneneeni a osuro Nyankopɔn, a Yudafoɔ nyinaa bɔ no dini pa he sɛ ɔnsoma ma bɛmmɛfa wo mmra ne fie na ontie nea wowɔ ka.”


Na sraani panyini he huu nea asi he, ɔhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam sɛ, “Ampa, na nipa yi yɛ teneneeni.”


Na sraani panyini bi akoa a ɔsombo ma no paa yare a oowu.


Na asraafoɔ ha so panyini ne bɛ a bɛka ne ho ɔɔwɛne Yesu he huu asaasewosoɔ ne nnoɔma a ɔsisiiɛ he, besuroo pii, kaa sɛ, “Ampa, Nyankopɔn Ba di!”


Berɛ a yekoduruu dwodwo he, yehuu sɛ bɛfrɛ supɔ he Malta.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite