Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 26:22 - Apam Foforɔ

22 Nso mmoa a manya afiri Nyankopɔn nkyɛne nti ne makɔ so atena hɔ abesi nnɛ a megyina ha oodi adanseɛ akyerɛ nipasu ahodoɔ nyinaa yi, menkaa hwee, gye nsɛm a Adiyifoɔ he ne Mose kaeɛ sɛ ɔbɛba he,

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 26:22
42 Referans Kwoze  

Nso megye nɔkwasɛm yi tom ya w’anim sɛ nea bɛfrɛ no fekusɛm yiaa ne Kwane a menam so som me nananom Nyankopɔn, efiri sɛ megye nea Mmara he ka na bɛatwerɛ Adiyifoɔ nwoma he mu he di.


Sɛ hogye Mose di a, hobegye me nso adi, efiri sɛ Mose twerɛɛ me ho asɛm.


Adiyifoɔ he nyinaa dii ne ho adanseɛ sɛ biaa a ɔgye no di he benya bɔne fakyɛ ne dini mu.”


Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ ho berɛ a na meda so ka ho ho he, sɛ otwa sɛ nea bɛatwerɛ afa me ho ya Mose mmara ne Adiyifoɔ he ne Nnwom he mu nyinaa ba mu.”


Na ɔde firi Mose ne Adiyifoɔ he nyinaa so kyerɛkyerɛɛ bɛ nsɛm a ɔfa ne ho a ɔya Twerɛsɛm he nyinaa mu.


Na bɛɛto Nyankopɔn akoa Mose nnwom ne Adwamaa he nnwom sɛ, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɔyɛ nwanwa. O! meresantene hene, w’akwane tene na ɔyɛ nɔkorɛ.


Na afei, bɛakwati mmara he ayi Nyankopɔn tenenee adi, na mmara he ne adiyifoɔ he di ho adanseɛ,


Bɛhyɛɛ da a bebehyia he wieeɛ he, nnipa pii baa baabi a na ɔda he. Na ɔkɔkyerɛɛ asɛm he mu kyerɛɛ bɛ dii Nyankopɔn ahennie he ho adanseɛ, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifoɔ he so kaa Yesu ho asɛm a ɔtɔ asom, firi anɔpa kosi anwummerɛ.


Na mɛgye wo nso afiri mmane yi ne Amanamane a meesoma wo akɔ bɛ nkyɛne he nsam,


Na seesei bɔhyɛ a Nyankopɔn de maa yɛ agyanom ho adanseɛ nti ne megyina atemmuo adwa anim yi;


“Hohwehwɛ twerɛsɛm he mu, efiri sɛ hogye di sɛ ɔno ne bɛma ho nkwa, na ɔnoaa nso ne di me ho adanseɛ.


Filipo huu Natanael, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu nea Mose kaa ne ho asɛm ya mmara he mu na adiyifoɔ he nso kaa ne ho asɛm he, Yesu, Yosef ba a ofiri Nasaret he.”


Mmara he deɛ, bɛnam Mose so ne de maeɛ, na adom ne nɔkorɛ he deɛ nam Yesu Kristo so ne baeɛ.


na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa kwane yi so ne bɛatwerɛ sɛ Kristo he behu amaneɛ na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he wasɔre afiri awufoɔ mu,


Na mehuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ begyinagyina ahennwa he anim. Bebiebiee nwoma bebree mu, na bebiee nwoma foforɔ bi a ɔyɛ nkwa nwoma he mu. Bebuu awufoɔ he atɛne, sɛnea bɛ nnwuma teɛ, ne sɛnea bɛatwerɛ ya nwoma ahoroɔ he mu he.


Na amanamane he bo fuiɛ, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ he aduru sɛ wobebu atɛne, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahoteefoɔ ne bɛ a besuro wo dini, nketewa ne akɛseɛ nyinaa, he akatua, na woasɛe bɛ a bɛasɛe asaase he.


taa a bɛtaa me, ne amanehunu a mefaa mu Antiokia, Ikonium ne Listra. Saa taa yi ne megyinaa mu! Nso Awurade gyee me firi ne nyinaa mu.


Nipa Ba he ɔɔkɔ sɛdeɛ bɛahyɛ ato hɔ ama no deɛ, nso nea ɔnam ne so beyi no ama he nnue! Sɛ bɛanwo saa nipa he mpo a nka ɔyɛ.”


na mewɔ anuanom nnum, na onkodi adanseɛ nkyerɛ bɛ, na ɔmmɔ bɛ kɔkɔ na bɛamma saa ahoyera yi mu bi.’


Afei, berɛ a bɛyɔɔ nea bɛatwerɛ afa ne ho nyinaa wieeɛ he, beyii no firii asennua he so de no too adamena mu.


Na me deɛ, deɛ ohia pa ara a me nsa kaeɛ a mede hyɛɛ ho nsa: ɔno ne sɛ yɛ bɔne nti ne Kristo wuiɛ, sɛdeɛ twerɛm he ka he


na besiee no, na nnansa so ɔsɔreeɛ sɛdeɛ twerɛ nsɛm ka he,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite