11 Na metwee bɛ aso mprɛ pii hyia adane nyinaa mu sɛnea bɛbɛka bibi de apo bɛ gyidie. Na esiane m’ani a na abere bɛ so paa nti, mekɔɔ nkuro foforɔ so mpo kɔtaa bɛ hɔ.
sɔfopanyini ne mpanyimfoɔ badwa he nyinaa di me adanseɛ. Megyegyee tumi-krataa firii bɛ hɔ de kɔmaa anuanom a bɛya Damasko. Na mesiim sɛ meekɔ Damasko akɔkyekye nnipa a bɛya hɔ a bɛnam Yesu nkyerɛkyerɛɛ kwane so de bɛ aba Yerusalem ama bɛatwe bɛ aso.
Berɛ a bɛ ne no dii asie na bɛkasa tiaa no he, ɔporoporoo ne ntaadeɛ mu mfuturo kaa sɛ, “Ho mogyaa mua hoaa ho atifi. Me deɛ menni ho fɔ. Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi meekɔ amanamane mufoɔ hɔ.”
“Nso, ansa na yeinom nyinaa bɛba he, nkurofoɔ bɛkye ho, na bɛataa ho, de ho akɔ hyia adane mu ne afiase, atwe ho akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim, me dini nti.
“Ho deɛ, honhwɛ ho ho yie, efiri sɛ bebeyi ho ama abadwafoɔ; na bɛbɛhwe ho hyia adane mu; na me nti, hobegyina amradofoɔ ne ahemfo anim, de ayɛ adanseɛ ama bɛ.