10 na saa pɛpɛɛpɛ ne meyɔeɛ Yerusalem, na menyaa tumi firii asɔfo mpanyimfoɔ he hɔ de ahoteefoɔ bebree guu afiase, na sɛ beeku bɛ a mefoa so.
Nso Saulo firii aseɛ tuu n’ani sii asafo he so. Owurawuraa afie mu kɔtwee mmaa ne mmeema de bɛ koguu afiase.
Nso ɔyɛɛ bɛ a beetie no he nyinaa nwanwa, na bɛkaa sɛ, “Ɔnyɛ yei na ɔsɛe bɛ a bɛbɔ dini yi Yerusalem he? Ɔnyɛ ɔno ne ɔde botaeɛ koro heaa baa ha sɛ ɔɔbɛkye bɛ de bɛ akɔma asɔfo mpanyimfoɔ he?”
Na me ne asomafoɔ he mu kaakyire, na mensɛ sɛ bɛfrɛ me somafoɔ mpo, efiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo.
Oduruu Yerusalem he, ɔbɔɔ mmɔdene sɛ ɔde ne ho bɛbɔ asuafoɔ he; nso na bɛ nyinaa besuro no, efiri sɛ na bɛnnye nni sɛ ɔyɛ suani nɔkorem.
Saulo nso penee kuu a na beeku Stefano he so. Saa da he taa kɛseɛ bi baa asafo a ɔya Yerusalem he so; na bɛ nyinaa bɔ hwetee Yudea ne Samaria nyinaa.
Na bɛde no firii kuro he mu he, befirii aseɛ sii no aboɔ. Na adansefoɔ he de bɛ ntaadeɛ ngugusoɔ guu abranteɛ bi a bɛfrɛ no Saulo nane ase.
Na mehuu sɛ ahoteefoɔ ne Yesu akyidifoɔ a bekuu bɛ he mogyaa aboro baa he. Mehu no he, ɔyɛɛ me nwanwa paa.
Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ; twerɛ krataa yi de kɔma ahoteefoɔ a bɛya Efeso na bɛyɛ Kristo Yesu mu agyidifoɔ nyinaa:
Menim paa sɛ hoate abrabɔ a medii kane bɔɔ sɛ Yudani he ho asɛm. Metaa Nyankopɔn asafo he maa no traa so, na mebɔɔ mmɔdene sɛ mɛsɛe no koraa.
Ɔtenee ne nsa na ɔmaa no so, na ɔfrɛɛ ahoteefoɔ ne akunafoɔ he de Doka maa bɛ a ɔya nkwa mu.
Afei bere a Petro ookyinikyini mmeammea he, okoduruu ahoteefoɔ a bɛte Lida he nso nkyɛne.