Afei berɛ a akasakasaa he mu yɛɛ dene he, na sahene he suro sɛ bɛbɛtete Paulo mu asisinasini, nti ɔhyɛɛ asraafoɔ he sɛ bɛnkɔgye no mfiri bɛ nsa mu mfa no mmra asraafoɔ asoeɛ hɔ.
Afei ɔfrɛɛ asraafoɔ ha so mpanyimfoɔ he mu mmienu bi kaa sɛ, “Honsiesie asraafoɔ ahaanu, apɔnkɔsotefoɔ aduɔson, ne peakurafoɔ ahanu, anadwo nnɔnkron berɛ mu nkɔ Kaesarea.