Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 23:6 - Apam Foforɔ

6 Paulo huu sɛ nnipa he bi yɛ Sadukifoɔ na binom nso yɛ Farisifoɔ he, ɔteaa mu Sanhedrin badwa he mu sɛ, “Anuanom, meyɛ Farisini, Farisifoɔ ba. Wusɔreɛ ho anidasoɔ ho nti ne beebu me atɛne yi.”

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 23:6
17 Referans Kwoze  

Menkaa hwee gye asɛm baako yi a meteaa mu kaa sɛ, ‘Awufoɔ sɔreeɛ nti ne beebu me atɛne ho anim nnɛ yi!’ ”


Na mewɔ anidasoɔ ya Nyankopɔn mu, a bɛ nso bɛwɔ saa anidasoɔ heaa bi, sɛ berɛ bi bɛba a bɛ a bɛtene ne bɛ a bɛntene nyinaa bɛsɔre afiri awufoɔ mu.


betwaa me twetia da ɔtɔ so nwɔtwe, meyɛ Israelni a mefiri Benyamin abusua mu, Hebrifoɔ mu Hebrini; na mmara fam he meyɛ Farisini;


Nɔkwasɛm ne sɛ, asɛm yi ho nti ne mesrɛɛ sɛ mepɛ sɛ mehu ho ne ho kasa, efiri sɛ Israel anidasoɔ nti ne bɛagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn yi.”


Saa da heaa Sadukifoɔ a bɛ gyidie ne sɛ wusɔreɛ biaa nni hɔ he mu bi baa Yesu nkyɛne; na bebisaa no sɛ,


sɔfopanyini ne mpanyimfoɔ badwa he nyinaa di me adanseɛ. Megyegyee tumi-krataa firii bɛ hɔ de kɔmaa anuanom a bɛya Damasko. Na mesiim sɛ meekɔ Damasko akɔkyekye nnipa a bɛya hɔ a bɛnam Yesu nkyerɛkyerɛɛ kwane so de bɛ aba Yerusalem ama bɛatwe bɛ aso.


“Hwɛ, meesoma ho sɛ nnwane akɔ mpataku mfimfini; nti honya nyansa sɛ wɔ, na honyɛ nnipa a ho ho nni asɛm te sɛ mmuburo.


Nso ohuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ sɛ bɛɛba abɛbɔ asu he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho nankatia mma! Hwane ne bɔɔ ho kɔkɔ sɛ honnwane mfiri abufuo a ɔɔba he ho?


“Meyɛ Yudani a bɛwoo me Tarso a ɔya Kilikia, nso bɛtetee me kuro yi mu, na metenaa Gamaliel nane ase suaa adeɛ. Na ɔkyerɛkyerɛɛ me nananom Mmara he pɛpɛɛpɛ, na mebɔɔ Nyamesom ho mmɔdene sɛnea ho nyinaa yɔ nnɛ yi.


Nti adeɛ kyeeɛ he, pɛɛ sɛ ohu adekorɔ pɔtee a nti Yudafoɔ he abɔ no so soboɔ he, ɔsanee no na ɔhyɛɛ asɔfo mpanyimfoɔ he ne Sanhedrin he nyinaa ma behyiaam. Na ɔde Paulo begyinaa bɛ mfimfini.


Paulo hwɛɛ Sanhedrin badwa he gyee kaa sɛ, “Anuanom, mede ahonim pa abɔ me bra Nyankopɔn anim abesi nnɛ da yi.”


Ɔkaa yei he, akasakasaa baa Farisifoɔ ne Sadukifoɔ he mu, na nnipa he mu kyɛeɛ.


Nti afei, ho ne badwa he mma sahene nte sɛ ho pɛ sɛ ɔde no bra ho na hohwehwɛ n’asɛm he mu fann. Na yɛ deɛ, yɛmma no nnuru ha mpo na yɛaku no.”


Obuaa sɛ, “Yudafoɔ he ayɔ adwene sɛ bɛbɛsrɛ wo na wode Paulo aba dwam kyena sɛnea bebebisa ne ho asɛm mu yie.


ɔnam anidasoɔ a bɛahyehyɛ ama ho soro he nti. Saa anidasoɔ yi ne hoate ho asɛm dada, nɔkwasɛm a ɔyɛ asɛmpa


Yɛwɔ saa anidasoɔ a otim hɔ pintinn sɛ kra sɛkyɛ, anidasoɔ a ɔhyɛne mu de kosii ntwamutam he mu,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite