Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 21:8 - Apam Foforɔ

8 Adeɛ kyeeɛ he, yefirii hɔ kɔɔ Kaesarea; na yɛkɔɔ asɛmpakani Filipo a na ɔyɛ nnipa nson a asomafoɔ he de akunafoɔ aduanema ho dwumadie hyɛɛ bɛ nsa he mu baako fie, na yɛtenaa ne nkyɛne.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 21:8
18 Referans Kwoze  

Nea bɛkaeɛ he sɔɔ nnipakuo he nyinaa ani, na beyii Stefano a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no mma, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Parmena ne Nikolao a ofiri Antiokia a wasakra abɛyɛ Yudani he.


Akyɛdeɛ a ɔde maa yɛ he bi ne sɛ waama binom ayɛ asomafoɔ, binom nkɔmhyɛfoɔ, binom asɛmpakafoɔ, binom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,


Na wo deɛ ma w’ani nna hɔ berɛ biaa, mia w’ani hu amane, yɔ sɛmpakafoɔ adwuma, yɛ wo som adwuma nyinaa.


Afei berɛ a yɛkɔɔ Roma he, bɛmaa Paulo kwane maa ɔno nkoaa kɔtenaeɛ, na na sraani a ɔwɛne no ka ne ho.


Homeda duruiɛ he, yepie faa kuro he pono ho kɔɔ asubɔntene bi ho, baabi a na yesusu sɛ yebenya baabi a bɛbɔ mpaeɛ. Na yɛtenaa ase kasa kyerɛɛ mmaa a na bɛahyiam hɔ he.


Na onyaa anisoadehunu heaa pɛ ne yesiim sɛ yɛɛkɔ Makedonia efiri sɛ yehuu sɛ Nyankopɔn ne wafrɛ yɛ sɛ yɛnkɔka asɛmpa he nkyerɛ bɛ.


Berɛ a agyidifoɔ he huu yei he, bɛde no baa Kaesarea; na bɛmaa no kɔɔ Tarso.


Abosome mmeɛnsa akyi he, yɛforoo hyɛne bi a ofiri Aleksandria a obedii awɔberɛ supɔ he so a n’agyinahyɛdeɛ ne “Po so Abosom Ntaafoɔ”.


Na afei besii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia he, bɛde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ panyini bi a ne dini de Yulio a ofiri Roma Tumfoɔ asraafoɔ kuo he mu nsa.


Afei ɔfrɛɛ asraafoɔ ha so mpanyimfoɔ he mu mmienu bi kaa sɛ, “Honsiesie asraafoɔ ahaanu, apɔnkɔsotefoɔ aduɔson, ne peakurafoɔ ahanu, anadwo nnɔnkron berɛ mu nkɔ Kaesarea.


Afei yedii kane kɔtenaa hyɛne mu kɔɔ Aso, baabi a na yɛayɔ adwene sɛ yɛbɛfa Paulo he, efiri sɛ berɛ a ɔka kyerɛɛ yɛ sɛ yɛnyɔ saa he, ɔno ankasa yɔɔ adwene sɛ ɔbɛnante akɔ.


Na Paanoo a Mmɔreka nnim Afahyɛ he akyi he, yɛtenaa hyɛne mu firii Filipi, na nnanum ntam he, yɛkɔtoo bɛ Troa. Na yedii nnanson hɔ.


Na oduruu Kaesarea he, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo he. Na afei ɔkɔɔ Antiokia.


Na dakoro bi, ɔbaa sɛ yɛɛkɔ baabi a bɛbɔ mpaeɛ he, yehyiaa afenaa bi a ɔwɔ akɔm honhom. Na ɔka daakye nsɛm ma ne wuranom nya ne so mfasoɔ pii.


Na beema bi ya Kaesarea a bɛfrɛ no Konelio, a ɔyɛ Italia asrafodɔm ha so panyini.


Asuafoɔ a bɛya Kaesarea nso ne yɛ kɔeɛ de yɛ koduruu Kiproni Minason a na ɔyɛ asuafoɔ adikanfoɔ he mu bi fie. Na yɛ ne no tenaeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite