Adeɛ kyeeɛ he, yefirii hɔ kɔɔ Kaesarea; na yɛkɔɔ asɛmpakani Filipo a na ɔyɛ nnipa nson a asomafoɔ he de akunafoɔ aduanema ho dwumadie hyɛɛ bɛ nsa he mu baako fie, na yɛtenaa ne nkyɛne.
Afei bɛ a ahohiahia a ɔnam Stefano so baeɛ he maa bɛbɔ hweteeɛ he kɔeɛaa kɔfaa Foinike ne Kipro ne Antiokia, nso bɛanka asɛm he ankyerɛ biaa sɛ Yudafoɔ nkoaa.
Na bɛgyee ho akyinnye pii he, Petro sɔre ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anuanom, ho ankasa honim sɛ mfitiaseɛ heaa ne Nyankopɔn yii me yɛ mu sɛ mene amanamane mufoɔ mfa m’anum asɛm so nte asɛmpa he na bɛnnye nni.