7 Da a odi nnanwɔtwe kane he, berɛ a na yɛahyiam oobubu paanoo he, Paulo firi aseɛ sɛ ɔne bɛ ɔɔkasa, efiri sɛ na waayɛ n’adwene sɛ adeɛ kye a obefiri hɔ. Nti ɔtoaa so kasaeɛ a kosii anadwo dasuom.
Nnawɔtwe he mu da a odi kane biaa he, ho mu biaa nhwɛ deɛ wanya na onyi bibi nsie na ho mmoaboa ano, na amma sɛ berɛ a hobehu me hɔ he afei ne hoobɛgyegye ntoboa he.
Na saa da he yɛ nnawɔtwe he da a odi kane. Na nwunu dwoeɛ he, ewom sɛ na Yudafoɔ ho hu nti asuafoɔ he atoto apono mu baabi a na bɛya he deɛ, nso Yesu ba begyinaa bɛ mfimfini, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho!”
Bɛhyɛɛ da a bebehyia he wieeɛ he, nnipa pii baa baabi a na ɔda he. Na ɔkɔkyerɛɛ asɛm he mu kyerɛɛ bɛ dii Nyankopɔn ahennie he ho adanseɛ, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifoɔ he so kaa Yesu ho asɛm a ɔtɔ asom, firi anɔpa kosi anwummerɛ.
Paulo gu so ɔɔkasa he, abranteɛ bi a bɛfrɛ no Eutiko a na ɔte mpomaa mu faa mu daa hatee, na berɛ he mu he ofirii abrosane a ɔtɔ so mmeɛnsa he so bɛhwee fam, na bɛmaa no so he, na waawu.
Nso Nyankopɔn adom nti ne mete sɛdeɛ meteɛ yi, na n’adom a ɔya me so he nyɛ kwa. Mmom meyɛ adwuma sene bɛ nyinaa— ɔyam sɛ na ɔnyɛ me deɛ, na mmom sɛdeɛ Nyankopɔn adom a ɔte me mu he teɛ.
Nhyira kuruwaa a yehyira so he, ɔnyɛ ayɔnkoyɛ a yenya firi Kristo mogyaa he mu anaa? Na paanoo a yebubu he nso, ɔnyɛ ayɔnkoyɛ a yenya firi Kristo nipadua he mu anaa?
Ne nnawɔtwe akyi he, na asuafoɔ he ya dane mu bio a na Toma nso ka ho. Ewom sɛ na bɛatoto apono he mu deɛ, nso Yesu ba begyinaa bɛ mfinfini, na ɔkaa sɛ, “Asomdwie nka ho!”
[Na afei berɛ a Yesu sɔre firii awufoɔ mu nnawɔtwe da a odi kane he, anɔpa tututuutu he, odii kane yii ne ho kyerɛɛ Maria Magdalene, nea otuu ahonhommɔne nson firi ne mu he.