Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 20:3 - Apam Foforɔ

3 bedii bosome mmeɛnsa. Na berɛ a ɔɔbɛkɔ Siria he Yudafoɔ he bɔɔ ne ho pɔ. Ne saa nti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔfa Makedonia mmom ne akɔ.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 20:3
19 Referans Kwoze  

na mede ahobrɛaseɛ kɛseɛ ne nisuo pii, ne nsɔhwɛ a ɔtoo me ɔnam Yudafoɔ pɔ a bɛbɔeɛ so som Awurade.


Akwantuo pii mu, asubɔntene so asiane mu, adwotwafoɔ asiane mu, amannifoɔ mu asiane mu, amanamane mu asiane mu, kuro mu asiane mu, serɛ so asiane mu, po so asiane mu, anuanom atorɔfoɔ mu asiane mu;


srɛɛ sɛ ɔnyɔ bɛ adom nsoma nkɔfrɛ beema he mmra Yerusalem. Na bɛabɔ pɔ paa sɛ bɛbɛtɛ kwane ho aku no.


Na yɛbaa Makedonia he, yɛannya homee biaa, nso yɛ ho hiahiaa yɛ kwane nyinaa mu—akasakasaa atwa yɛ ho ahyia na hu ahyɛ yɛ ma.


Na afei mekɔɔ Siria ne Kilikia mpɔtamu.


Menim yei nti ne mepɛɛ sɛ medi kane aba ho nkyɛne, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobenya adom mmɔho ne mprenu so;


Afei yeduruu baabi a na yɛ ani tua Kipro he, yetwaam kɔɔ Siria berɛ a na yɛagya kuro he yɛ benkum so, na yekogyinaa Tiro, efiri sɛ hɔ ne na bebeyi kodoɔ he mu nnoɔma.


Afei bewiee yeinom he, Paulo bɔɔ ne tim pɔ sɛ, sɛ ɔkɔfa Makedonia ne Akaia wie a, ɔbɛkɔ Yerusalem, na ɔkaa sɛ: “Sɛ meduru hɔ a, otwa sɛ mekɔ Roma nso.”


Nso berɛ a Paulo dii nna kakra kaa ho hɔ he, ɔne agyidifoɔ he dii nkra na ɔde po so hyɛne firii hɔ kɔɔ Siria a na Priskila ne Akwila ka ne ho, na ɔbɔɔ ti kwa ya Kenkrea, efiri sɛ, na berɛ a ɔde asi hɔ sɛ ootua ne ho nnoɔma bi he aba awieeɛ.


Anadwo he Paulo nyaa anisoadehunu sɛ, Makedoniani bi gyina hɔ ɔɔserɛ no sɛ, “Bra Makedonia na bɛboa yɛ.”


Nti ne ho asɛm trɛɛ Siria nyinaa, na bɛde ayarefoɔ, bɛ a bɛyare yadeɛ ahodoɔ ne bɛ a bɛ honam tutu bɛ, ne bɛ a honhom fi ne twerɛ ya bɛ so, ɔne mmubuafoɔ nyinaa, baa ne nkyɛne. Na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.


Na yefirii hɔ he, yɛkɔɔ Filipi a ɔyɛ Roma atubrafoɔ kuro titire ya Makedonia mantam mu. Yɛtenaa saa kuro he mu nna kakra.


Na afei basabasa he ano berɛ ase he, Paulo soma ma bɛkɔfrɛɛ asuafoɔ he, na ɔhyɛɛ bɛ nkurane gyaa bɛ kwane he, ogyaa bɛ hɔ kɔɔ Makedonia.


Berɛ a ɔkɔfaa mpɔtamu hɔ na ɔhyɛɛ bɛ nkurane pii he, ɔbaa Hela,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite