2 Berɛ a ɔkɔfaa mpɔtamu hɔ na ɔhyɛɛ bɛ nkurane pii he, ɔbaa Hela,
Deɛ otwa toɔ, anuanom, yɛsrɛ ho na yetu ho fo Awurade Yesu mu sɛ, hobesua sɛnea hobesi atena ase asɔ Nyankopɔn ani (sɛnea hooyɔ heaa), honkɔ so nyɔ no saa.
Na yɛ afutusɛm he mfiri nnaadaa anaa adwenfi mu, saa nso ne ɔnnam asisie so,
Ɔno ne yɛpae mu ka n’asɛm, na yɛbɔ kɔkɔ de nyansa kyerɛkyerɛ biaa, na yɛde ankorankorɛ biaa akɔ Nyankopɔn anim sɛ nipa a wawie pɛyɛ Kristo mu.
Afei nso honim, sɛnea yetuu ho nyinaa fo mmaako mmaako, sɛnea agya bi yɔ ne mma, na yɛhyɛɛ ho den, na yɛmaa ho asodie
Afei Paulo foroo abrosane he, na ɔfaa paanoo diiɛ he, ɔtoa so ne bɛ dii nkɔmmɔ kɔpem ahemakye ansa na ɔɔkɔ.
Na ntɛmaa agyidifoɔ he maa Paulo ne Silas kɔɔ Beroia, na bekoduruiɛ he, bɛkɔɔ Yudafoɔ hyiadane mu.
Afei Paulo ne Silas kɔfaa Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika, baabi a na Yudafoɔ hyiadane bi ya he.
Na yefirii hɔ he, yɛkɔɔ Filipi a ɔyɛ Roma atubrafoɔ kuro titire ya Makedonia mantam mu. Yɛtenaa saa kuro he mu nna kakra.
Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyehyɛɛ asafo ahodoɔ he dene.
Hɔ ne bɛhyɛɛ akra he dene na bɛhyɛɛ bɛ nkuranee sɛ bɛntoa gyidie he so. Na afei bɛkaa sɛ, “ɔsɛ sɛ yɛfa taa pii mu na yɛakɔ Nyankopɔn ahennie he mu.”
Na ɔde nsɛm foforɔ pii dii adanseɛ, na otuu bɛ fo sɛ, “Homma bɛnnye ho mfiri awoɔ ntoatoasoɔ porɔeɛ yi mu.”
Nti Yohane nam afotuo bebree so pae mu kaa asɛmpa kyerɛɛ nkurofoɔ he.
Na afei basabasa he ano berɛ ase he, Paulo soma ma bɛkɔfrɛɛ asuafoɔ he, na ɔhyɛɛ bɛ nkurane gyaa bɛ kwane he, ogyaa bɛ hɔ kɔɔ Makedonia.
bedii bosome mmeɛnsa. Na berɛ a ɔɔbɛkɔ Siria he Yudafoɔ he bɔɔ ne ho pɔ. Ne saa nti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔfa Makedonia mmom ne akɔ.
Nso sɛ Awurade pɛ a, ɔnkyɛre mɛba honkyɛne, na mabehu bɛ a bɛama bɛ ho so he tumi farebae, na ɔnyɛ bɛ kasaa nkoaa,