Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 2:43 - Apam Foforɔ

43 Na hu tɔɔ akra nyinaa so, efiri sɛ Asomafoɔ he yɔɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne pii.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 2:43
15 Referans Kwoze  

Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye me di he, nnwuma a meyɔ he ɔno nso bɛyɔ bi, na ɔbɛyɔ nnwuma bebree asene yeinom, efiri sɛ, me deɛ meekɔ Agya he nkyɛne.


Nti nnipadɔm a befiri Gerasefoɔ nsaase a atwa hɔ ahyia he nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ omfiri bɛ nkyɛne nkɔ, efiri sɛ na hu kɛseɛ aka bɛ. Afei ɔtenaa kodoɔ he mu siim sɛ ɔɔkɔ.


Afei hu kaa bɛ nyinaa, na befirii aseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam sɛ, “Bɛama diyifoɔ kɛseɛ bi so ya yɛ mu,” na “Nyankopɔn ama n’ani aba ne nkurofoɔ so!”


Na nsɛnkyerɛnne yeinom bedi bɛ a bɛbɛgye adi he akyi, bɛde me dini betutu ahonhommɔne, bɛbɛka kasa foforɔ.


Na Petro maa biaa pie kɔɔ abɔntene, na obuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee ne ho hwɛɛ amu he kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Obiee n’ani, na n’ani bɔɔ Petro so he, ɔsɔre tenaa ase.


Asomafoɔ he de tumi kɛseɛ dii adanseɛ faa Awurade Yesu wusɔreɛ he ho, na adom kɛseɛ baa bɛ nyinaa bɛ so.


Na Petro ka kyerɛ no sɛ, “Aenia, Yesu Kristo asa wo yadeɛ. Sɔre na woaa sɛ wo kɛtɛ.” Na ntɛmaa ɔsɔreeɛ.


“Israelfoɔ, hontie nea meeka yi: Yesu, Nasareni he, beema a Nyankopɔn de anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn he ankasa nam ne so yɔɔ no ho mu yii no adi kyerɛ ho pefee, sɛnea hoaa honim he;


Anania tee asɛm he, ɔhwee ase wuiɛ. Na hu kɛseɛ bɔɔ bɛ a bɛteeɛ he nyinaa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite