Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 2:22 - Apam Foforɔ

22 “Israelfoɔ, hontie nea meeka yi: Yesu, Nasareni he, beema a Nyankopɔn de anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn he ankasa nam ne so yɔɔ no ho mu yii no adi kyerɛ ho pefee, sɛnea hoaa honim he;

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 2:22
42 Referans Kwoze  

Ɔbaa Yesu hɔ anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Rabuni, yenim sɛ woyɛ kyerɛkyerɛni a wofiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba, na bi ntumi nyɔ nsɛnkyerɛnne a woyɔ yi, gye sɛ Nyankopɔn ka ne ho.”


hedeɛ ho ne nnipa a hoya Israel nyinaa nhu sɛ ɔnam Nasareni Yesu Kristo a hobɔɔ no asennua mu a Nyankopɔn nyane no firii awufoɔ mu he dini so ne saa beema yi nyaa ayaresa.


Na sɛ menam Nyankopɔn tumi so ne metu ahonhommɔne a, hedeɛ Nyankopɔn ahennie ayi ne ho adi akyerɛ ho.


Nso sɛ ɔnam Nyankopɔn Honhom so ne metutu ahonhommɔne a, hedeɛ na Nyankopɔn ahennie he anya aba ho so.


Berɛ a nnipadɔm he huu yei he, bɛ ho dwirii bɛ, na bɛhyɛɛ Nyankopɔn a ɔde tumi a ɔte sei ama nnipa he animuonyam.


berɛ a Nyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛyɔ bebree, ne Honhom Kronkron akyɛdeɛ a ɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ne pɛ teɛ he dii ho adanseɛ bi.


Somafoɔ nsɛnkyerɛnne mapa he deɛ, bɛayɔ no ho mu boasetɔ nyinaa mu, nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛ mu.


Nɔkwasɛm di, hene a mede akokoɔduro ɔɔkasa akyerɛ no yi nim saa nsɛm yi mu yie, na menim sɛ nsɛm yi mu biaa nni hɔ a ahinta no, efiri sɛ ɔnyɛ adeɛ a bɛyɔɔ no kokoam.


“Me nso, na medwene me mu sɛ ɔsɛ sɛ meyɔ nnoɔma pii de ko tia Nasareni Yesu dini,


Yɛahu beema yi sɛ busuyefoɔ a otutu gu Yudafoɔ nyinaa asom ma bɛte atua asaase nyinaa so, na ɔyɛ Nasarefoɔ kuo he mu panyini.


Mebuaa sɛ, ‘Wo ne hwane, owura?’ Na ɔka kyereɛ; me sɛ, ‘Ɔyɛ me Nasareni Yesu, a wotaa no he.’


teateaam sɛ, “Israel mmeema, hommɛboa yɛ! Yei ne kyerɛkyerɛ nnipa nyinaa ya baabiaa de sɔre tia mane he ne Mmara ne bea yi, na nea ɔkyɛne ne nyinaa ne sɛ, ɔde Helafoɔ baa asɔrefie ha de beguu kronkronbea yi ho fi.”


Na bɛbaeɛ he, bɛfrɛɛ asafo he boaa ano, na bɛkaa nea Nyankopɔn de bɛ akɔyɛ nyinaa ne sɛnea wabie gyidie pono ama amanamane mufoɔ he.


Nti Paulo sɔre nyam ne nsa kaa sɛ: “Ho Israelfoɔ ne ho a hosuro Nyankopɔn, hontie!


na yɛate sɛ ɔdɛ Yesu yi a ɔyɛ Nasareni he bedwiri bea yi agu fam na wasakra amanneɛ a Mose de maa yɛ he.”


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Israel mmeema, honhwɛ ho ho yie nea hoayɔ ho adwene sɛ hode bɛyɔ nnipa yi ho.


Na Petro huu yei he, ɔka kyerɛɛ nkurofokuo he sɛ, “Israel mmeema, ɛɛne nti ne yei yɛ ho nwanwa, mmɛ nti ne hoohwɛ yɛ haa te sɛ nea yɛnam yɛ ankasa yɛ tumi anaa yɛ tenenee so ne ama beema yi anante yi?


Pilato twerɛɛ asɛm bi bɔɔ asennua he atifi. Ɔtwerɛɛ sɛ, “Yesu Nasareni, Yudafoɔ hene he.”


Sɛ mannyɔ nnwuma a biaa nyɔɔ bi da bɛ mu a, nka bɛnnyɔɔ bɔne. Na afei deɛ bɛahu, nso bɛatane me ne m’Agya nyinaa.


Na nnipakuo a na bɛya hɔ berɛ a ɔfrɛɛ Lasaro firii adakamena mu na onyane no firi wuom he kɔɔ so dii adanseɛ.


Nti asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he maa bekohyiaa abadwafoɔ he, na bɛkaa sɛ, “Mmɛ ne yɛbɛyɔ efiri sɛ nipa yi ɔɔyɔ nsɛnkyerɛnne pii?


Sɛ ɔnyɛ m’Agya adwuma ne meeyɔ a, hedeɛ honnye me nni.


Sɛ beema yi mfiri Nyankopɔn hɔ a, nka ontumi nyɔ hwee.”


Na nnipakuo he mu pii gyee no diiɛ, na bebisaa sɛ, “Sɛ Kristo he ba a, ɔbɛyɔ nsɛnkyerɛnne asene nea nipa yi ayɔ yi anaa?”


Honnyɔ aduane a ɔsɛe ho adwuma, na mmom honyɔ aduane a ɔtena hɔ de kɔ daa nkwam a Nipa Ba he de bɛma ho he ho adwuma, efiri sɛ, ɔno ne Agya Nyankopɔn ankasa de ne nsɔano agye no atom.”


Afei nnipa he huu nsɛnkyerɛnne a Yesu yɔeɛ he, bɛkaa sɛ, “Nɔkwasɛm, diyifoɔ a ɔɔba wiase he di.”


Nso mewɔ adanseɛ a ɔkyɛne Yohane deɛ he, efiri sɛ nnwuma a m’Agya de ahyɛ me nsa sɛ menyɔ he, nnwuma a meeyɔ heaa di me ho adanseɛ sɛ Agya heaa ne asoma me.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ho deɛ, hoanhu nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a honnye nni.”


Filipo huu Natanael, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu nea Mose kaa ne ho asɛm ya mmara he mu na adiyifoɔ he nso kaa ne ho asɛm he, Yesu, Yosef ba a ofiri Nasaret he.”


Bɛ mu baako a ne dini de Kleopa buaa no sɛ, “Nti wo nkoaa ne wote Yerusalem a woyɛ hɔhoɔ a nti wonnim asɛm a asi hɔ nnansa yi?”


Na ɔkɔtenaa baabi a bɛfrɛ hɔ Nasaret, nti deɛ diyifoɔ he kaeɛ he baam sɛ, “Bɛbɛfrɛ no Nasareni.”


Na mɛma anwanwadeɛ aba soro na nsɛnkyerɛnne aba asaase so, fam, mogyaa ne gya ne wisie kumoo.


Na hu tɔɔ akra nyinaa so, efiri sɛ Asomafoɔ he yɔɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne pii.


Nso Petro kaa sɛ, “Sika anaa dwetɛ deɛ menni bi, na mmom nea mewɔ ne mede ma wo yi; sɔre nante Yesu Kristo, Nasareni he, dini mu.”


Bɛbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Yesu, Nasareni he ne ootwam!”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite