Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 2:10 - Apam Foforɔ

10 Frigia Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɔfa Kirene; afei binom nso yɛ ahɔhoɔ a befiri Roma, binom nso yɛ Yudafoɔ ne amanamane mufoɔ a bɛabɛdɔm Yudafoɔ som he,

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 2:10
34 Referans Kwoze  

Afei bɛkɔfaa Frigia ne Galatia mpɔtamu efiri sɛ Honhom Kronkron he braa bɛ sɛ bɛnnka asɛm he Asia.


Berɛ a ɔtenaa hɔ kakra he, ofirii hɔ tutuu akwane faa Galatia ne Frigia nsaase so hyehyɛɛ asuafoɔ he nyinaa dene.


Nso Paulo yɔɔ n’adwene sɛ esiane sɛ ogyaa bɛ hɔ berɛ a beduruu Pamfilia na ɔne bɛ ankɔyɔ adwuma he nti, ɔnsɛ sɛ bɛde no ka bɛ ho kɔ.


Nti hyiadane he mu nhyiamu he baa awieeɛ he, Yudafoɔ he mu pii ne bɛ a bɛabɛdɔm Yudafoɔ som he na besuro Nyankopɔn he dii Paulo ne Barnaba akyi, na bɛkasa kyerɛɛ bɛ hyɛɛ bɛ nkurane sɛ bɛnkɔ so ntena Nyankopɔn adom mu.


Afei mmeema he ne Paulo faa po so firii Pafo kɔɔ Perge a ɔya Pamfilia. Na Yohane deɛ, ɔne bɛ dii ntete mu sane kɔɔ Yerusalem.


ɔbaa Roma he, ɔbɔɔ mmɔdene hwehwɛɛ me, na ohuu me.


saa nti ne me ho pere me sɛ mɛpaem aka asɛmpa he akyerɛ ho nso a hoya Roma.


Yɛnam po so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia koduruu Mira a ɔya Likia mantam mu he mu.


Na betwaa mu Pisidia he, bɛbaa Pamfilia.


Na binom ya bɛ mu a bɛyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ a bɛaba Antiokia. Saa nnipa yi pae mu kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ nnipa a bɛka Hela kasa he.


Na bɛhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofiri baabi ootwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo papa, sɛ ɔnsoa n’asennua he.


Befirii adi ɔɔkɔ he, bɛtoo Kireneni beema bi a bɛfrɛ no Simon; ɔno ne bɛhyɛɛ no maa no soaa Yesu asennua he.


Na bɛ afunu bɛdeda kuro kɛseɛ he abɔntene so, kuro a honhom mu bɛfrɛ no Sodom ne Misraim, baabi a bɛbɔɔ bɛ Awurade nso asennua mu he


Me Paulo ne meetwerɛ krataa yi de abra ho, Nyankopɔn adɔfoɔ, a hoya Roma nyinaa, ho a bɛafrɛ ho sɛ hommɛyɛ ahoteefoɔ he: Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.


Na agyidifoɔ tee yɛ nka he, befirii hɔ behyiaa yɛ Apia Dwa so ne bea bi a bɛfrɛ hɔ Nsadane-Mmeɛnsa, na Paulo ani bɔɔ bɛ so pɛ na ɔdaa Nyankopɔn ase na otwaa n’akoma too ne yam.


Na ohuu Yudani bi a bɛfrɛ no Akwila, Pontoni bi a na ofiri Italia aba ne nkyɛne, ne ne yerɛ Priskila, efiri sɛ na Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma. Nti ɔkɔɔ bɛ nkyɛne.


Antiokia asafo he mu he, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ya mu, Barnaba ne Simeon a bɛfrɛ no Niger he, ne Lukio a ofiri Kirene, ne Manaen a bɛtetee ɔne Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he, ne Saulo.


Nso nnipa bi a befiri nea bɛfrɛɛ no Ahofadiefoɔ Hyiadane he mu ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne bɛ a befiri Kilikia ne Asia, sɔree sɛ bɛne Stefano oobedi anobaabaeɛ.


Nea bɛkaeɛ he sɔɔ nnipakuo he nyinaa ani, na beyii Stefano a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no mma, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Parmena ne Nikolao a ofiri Antiokia a wasakra abɛyɛ Yudani he.


na bɛtenaa hɔ kosii sɛ Herode wuiɛ. Yei maa deɛ Awurade nam diyifoɔ he so kaeɛ he baa mu sɛ, “Misraim ne mafrɛ me ba he afiri.”


Saa anadwo he Awurade begyinaa ne nkyɛne kaa sɛ, “Nya akokoɔduro! Sɛnea wo adi me ho adanseɛ Yerusalem he, saa ara nso ne otwa sɛ wodi me ho adanseɛ Roma nso.”


Ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hotware po ne asaase kɔ sɛ hokɔsakra nipa baako, na homa saa nipa he bɛyɛ ho fekuoni; na sɛ ɔyɛ a, homma ɔbɛfata brosamgyam amanehunu mprenu sɛ ho ankasa.


Kretefoɔ ne Arabiafoɔ; na yɛte no yɛ kasa mu sɛ bɛɛka Nyankopɔn tumi ne ne nnwuma akɛseɛ ho asɛm.”


Nɔkwasɛm ne sɛ, sɛ Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a bɛabɛsoɛ hɔ he nya berɛ a, nea bɛde yɛaa ne sɛ bɛbɛka anaa bebetie asɛm foforɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite