Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 19:8 - Apam Foforɔ

8 Paulo kɔɔ hyiadane he mu, de akokoɔduro kasaeɛ, na bosome mmeɛnsa ne ɔkasaeɛ, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm a ɔtɔ asum.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 19:8
17 Referans Kwoze  

N’amanehunu akyi he, ɔnam adanseɛ pii so yii ne ho adi kyerɛɛ bɛ sɛ ɔte ase maa behuu no adaduannan ntam. Na ɔkaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm.


Bɛhyɛɛ da a bebehyia he wieeɛ he, nnipa pii baa baabi a na ɔda he. Na ɔkɔkyerɛɛ asɛm he mu kyerɛɛ bɛ dii Nyankopɔn ahennie he ho adanseɛ, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifoɔ he so kaa Yesu ho asɛm a ɔtɔ asom, firi anɔpa kosi anwummerɛ.


Adɔfonom, berɛ a meebɔ mmɔdene atwerɛ ho afa nkwagyeɛ a yɛ nyinaa te mu he ho he, mehuu sɛ ohia sɛ metwerɛ de fa hia ohia sɛ hoyere ho ho gyina gyidie a Nyankopɔn de ahyɛ ahoteefoɔ nsa prɛko he ho.


Nso berɛ a binom prim bɛ akoma na bɛannye anni, na bɛkekaa gyidie Kwane He ho nsɛmmɔne nnipadɔm he anim he, ɔtwee ne ho yii asuafoɔ he firii bɛ mu, na daa na ɔka asɛm Tirano suadane he mu.


Na beduruu Efeso he, ogyaa bɛ hɔ; na ɔno deɛ ɔkɔɔ hyiadane mu ne Yudafoɔ he kɔyɔɔ nsɛm bi ho mpɛnsɛmpɛnsɛmu.


Nso, homeda biaa, na ɔka asɛm hyiadane mu ma Yudafoɔ ne Helafoɔ gye di.


Nti ɔne Yudafoɔ ne nnipa a aka a bɛsom Nyankopɔn he susuu nsɛm ho hyiadane he mu, na da biaa na ɔkɔ bɛ a obenya bɛ he nso nkyɛne dwa so.


Saa asɛm korɔ heaa bi sii Ikonium. Berɛ a bɛkɔɔ Yudafoɔ hyiadane mu he bɛkasa maa nnipakuo kɛseɛ bi a befiri Yudafoɔ ne Helafoɔ mu bɛyɛɛ agyidifoɔ.


Na afei Paulo ne Barnaba kasaa akokoɔduro so sɛ, “Na ohia sɛ yɛka Nyankopɔn asɛm kyerɛ ho kane. Na ɔnam sɛ hoapo asɛm he na hobu ho ho sɛ homfata daa nkwa he nti, yɛde asɛm he ɔɔkɔ Amanamane mufoɔ hɔ.


Nso bɛde bɛ firii Perge baa Antiokia a ɔya Pisidia, na bɛkɔɔ hyiadane mu homeda kɔtenaa ase.


Na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔde akokoɔduro ɔɔkasa hyiadane he mu, nso berɛ a Priskila ne Akwila tiee no he, bɛfaa no kɔɔ nkyɛne baabi kyerɛkyerɛɛ no Nyankopɔn kwane he mu pɛpɛɛpɛ.


Na bɛ dodoɔ yɛ du mmienu.


Yei toa so mfie mmienu, na bɛ a bɛte Asia mpɔtamu nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa, tee Awurade asɛm.


Nti honwɛne na honkae sɛ mfie mmeɛnsa di, awia ne anadwo, mannyae sɛ mede nisuo betu ho mu biaa fo.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite