Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 19:11 - Apam Foforɔ

11 Na Nyankopɔn nam Paulo so yɔɔ anwanwadeɛ soronko.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 19:11
10 Referans Kwoze  

Bio nso, Nyankopɔn nam asomafoɔ he so yɔɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ bebree nnipa he mu, na na bɛ nyinaa de akoma koro ya Salomo abranaa he so.


berɛ a Nyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛyɔ bebree, ne Honhom Kronkron akyɛdeɛ a ɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ne pɛ teɛ he dii ho adanseɛ bi.


Mpo Simon nso gye diiɛ. Na bɛbɔɔ no asu wieeɛ he, na ɔtaa ne Filipo nante. Na nsɛnkyerɛnne ne ahoɔdenneɛ a ohuiɛ he yɛɛ no ahodwiri.


Ɔkɔɔ so yɔɔ saa nna pii. Na ɔyɛɛ Paulo ahomte ma ɔdanee n’ani ka kyerɛɛ honhom he sɛ, “Mehyɛ wo Yesu Kristo dini mu sɛ firi ne mu firi” Na ofirii ne mu saa dɔno heaa.


Hedeɛ ɔnam mmara nnwuma a hoyɔeɛ so ne Nyankopɔn maa ho Honhom he na ɔyɔɔ nsɛnkyerɛnne ho mu, anaa ɔnam asɛm a hoteeɛ na hogye diiɛ so?


Na nnipadɔm he nyinaa yɛɛ komm, na betiee Barnaba ne Paulo berɛ a bɛkaa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a Nyankopɔn nam bɛ so ayɔ ama amanamane mufoɔ ho asɛm.


Na bɛtenaa hɔ berɛ pii de akokoɔduro kasa maa Awurade, na Awurade ankasa dii n’adom ho asɛm he ho adanseɛ denam nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ahodoɔ a ɔnam bɛ nsa so yɔeɛ he so.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye me di he, nnwuma a meyɔ he ɔno nso bɛyɔ bi, na ɔbɛyɔ nnwuma bebree asene yeinom, efiri sɛ, me deɛ meekɔ Agya he nkyɛne.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite