Na baa bi a bɛfrɛ no Lidia a ɔtɔno ntoma kɔkɔɔ a ofiri Tiatira na ɔsom Nyankopɔn he tiee yɛ asɛm he. Na Awurade biee n’akoma mu ma ɔyɛɛ aso maa nea Paulo kaeɛ he.
Na Yesu a bɛfrɛ no Yusto he nso kyea ho. Bɛne befiri bɛ a bɛatwa bɛ twetia he mu. Yeinom nkoaa ne me mfɛfoɔ ya Nyankopɔn ahennie he fam, na bɛabɛyɛ aboafoɔ a bɛahyɛ me dene.
Yei maa bɛ mu binom bɛyɛɛ agyidifoɔ, na bɛde bɛ ho bataa Paulo ne Silas ho, na Helafoɔ dɔm kɛseɛ bi a bɛsom Nyankopɔn ne mmaa atitire a bɛdɔɔso pii nso yɔɔ saa.
Bɛkaa sɛ, “Bɔfoɔ kronkron bi de Nyankopɔn akwankyerɛ maa Konelio, asraafoɔ ha so hwɛfoɔ, teneneeni a osuro Nyankopɔn, a Yudafoɔ nyinaa bɔ no dini pa he sɛ ɔnsoma ma bɛmmɛfa wo mmra ne fie na ontie nea wowɔ ka.”
Nti hyiadane he mu nhyiamu he baa awieeɛ he, Yudafoɔ he mu pii ne bɛ a bɛabɛdɔm Yudafoɔ som he na besuro Nyankopɔn he dii Paulo ne Barnaba akyi, na bɛkasa kyerɛɛ bɛ hyɛɛ bɛ nkurane sɛ bɛnkɔ so ntena Nyankopɔn adom mu.