Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 17:6 - Apam Foforɔ

6 Berɛ a bɛanhu bɛ he, bɛtwee Yason ne agyidifoɔ binom kɔmaa kuro he mu atumfoɔ, na bɛteateaam sɛ, “Mmeema a bɛadane wiase ani he aba ha nso,

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 17:6
18 Referans Kwoze  

Yɛahu beema yi sɛ busuyefoɔ a otutu gu Yudafoɔ nyinaa asom ma bɛte atua asaase nyinaa so, na ɔyɛ Nasarefoɔ kuo he mu panyini.


Nso yesusuu sɛ, ɔyɛ sɛ yebetie w’adwene, efiri sɛ, nɔkwasɛm di, yenim sɛ bɛkasa tia saa fekuo yi baabiaa.”


Nso bɛkaa no dendenndene sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛ Yudea nyinaa de hwanyane mane he mu, ofirii aseɛ mpo firii Galilea ne ɔde abeduru ha yi.”


Na bɛbɛka ahennie yi ho asɛmpa ya amane nyinaa mu, de adi adanseɛ ama amanamane nyinaa; yei akyi ansa na awieeɛ he aba.


Na nna he mu he Petro sɔre gyinaa agyidifoɔ he mfinimfini. Na nnipakuo a bɛahyia faako he bɛyɛ nnipa ha aduonu. Na ɔkaa sɛ,


Na Yudafoɔ he ani bereeɛ, na bɛboaboa nsɛmmɔnefoɔ bi ano dwa so maa kuro he mu yɛɛ bagyabagya. Na bɛto hyɛɛ Yason fie so hwehwɛɛ sɛ bɛde bɛ bɛbra bɛ a bɛɛyɔ basabasa he.


Na ntɛmaa agyidifoɔ he maa Paulo ne Silas kɔɔ Beroia, na bekoduruiɛ he, bɛkɔɔ Yudafoɔ hyiadane mu.


Na ntɛmaa agyidifoɔ he gyaa Paulo kwane koduruu po he ano nohoa, na Silas ne Timoteo deɛ bɛtenaa hɔ.


efiri sɛ waayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tim pɔ sɛ ɔnam beema bi a wayi no so bebu wiase atentenee mu, na wanyane no afiri awufoɔ mu de ayɔ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite