Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 17:2 - Apam Foforɔ

2 Na sɛnea Paulo taa yɛ he, ɔkɔɔ bɛ nkyɛne, na ɔde homeda mmeɛnsa ne bɛ susuu twerɛsɛm he ho,

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 17:2
18 Referans Kwoze  

Na ntɛmaa ofirii aseɛ hyia adane mu kaa Yesu ho asɛm sɛ “Yesu ne Nyankopɔn Ba he.”


Nso, homeda biaa, na ɔka asɛm hyiadane mu ma Yudafoɔ ne Helafoɔ gye di.


Nti ɔne Yudafoɔ ne nnipa a aka a bɛsom Nyankopɔn he susuu nsɛm ho hyiadane he mu, na da biaa na ɔkɔ bɛ a obenya bɛ he nso nkyɛne dwa so.


Na ntɛmaa agyidifoɔ he maa Paulo ne Silas kɔɔ Beroia, na bekoduruiɛ he, bɛkɔɔ Yudafoɔ hyiadane mu.


Saa asɛm korɔ heaa bi sii Ikonium. Berɛ a bɛkɔɔ Yudafoɔ hyiadane mu he bɛkasa maa nnipakuo kɛseɛ bi a befiri Yudafoɔ ne Helafoɔ mu bɛyɛɛ agyidifoɔ.


Berɛ a beduru Salami he, befirii aseɛ bɔɔ Nyankopɔn asɛm he dawuro Yudafoɔ hyia adane mu. Na Yohane boaa bɛ bɛ dwumadie mu.


Bɛhyɛɛ da a bebehyia he wieeɛ he, nnipa pii baa baabi a na ɔda he. Na ɔkɔkyerɛɛ asɛm he mu kyerɛɛ bɛ dii Nyankopɔn ahennie he ho adanseɛ, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifoɔ he so kaa Yesu ho asɛm a ɔtɔ asom, firi anɔpa kosi anwummerɛ.


Na Filipo biee n’ano, na ogyinaa saa twerɛsɛm heaa so kaa Yesu ho asɛm kyerɛɛ no.


Yesu buaa sɛ, “Me deɛ makasa akyerɛ wiase badwam; mekyerɛkyerɛɛ hyia adane ne asɔredane mu daa, baabi a Yudafoɔ nyinaa hyia he. Menkaa bibiaa kokoam.


Na ɔkɔɔ Nasaret, baabi a bɛtetee no he; na sɛnea ɔtaa yɔ homeda he, ɔkɔɔ hyiadane mu, na ɔsɔre gyinaa hɔ sɛ ɔɔbɛkenkane,


Afei berɛ a Paulo kaa tenenee, ahohyɛsoɔ ne atemmuo a ɔbɛba ho asɛm he, hu kaa Felike ma ɔkaa sɛ, “Firi m’anim ha kɔ, na sɛ menya berɛ a mɛsane asoma abɛfrɛ wo.”


Paulo kɔɔ hyiadane he mu, de akokoɔduro kasaeɛ, na bosome mmeɛnsa ne ɔkasaeɛ, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm a ɔtɔ asum.


Nso bɛde bɛ firii Perge baa Antiokia a ɔya Pisidia, na bɛkɔɔ hyiadane mu homeda kɔtenaa ase.


Nipa Ba he ɔɔkɔ sɛdeɛ bɛahyɛ ato hɔ ama no deɛ, nso nea ɔnam ne so beyi no ama he nnue! Sɛ bɛanwo saa nipa he mpo a nka ɔyɛ.”


Na me deɛ, deɛ ohia pa ara a me nsa kaeɛ a mede hyɛɛ ho nsa: ɔno ne sɛ yɛ bɔne nti ne Kristo wuiɛ, sɛdeɛ twerɛm he ka he


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite