Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 17:10 - Apam Foforɔ

10 Na ntɛmaa agyidifoɔ he maa Paulo ne Silas kɔɔ Beroia, na bekoduruiɛ he, bɛkɔɔ Yudafoɔ hyiadane mu.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 17:10
16 Referans Kwoze  

na ɔyam sɛ yedii kane huu amane na beguu yɛ anim ase ya Filipi deɛ, nso sɛdeɛ honim he, yenyaa akokoɔduro ya yɛ Nyankopɔn mu paee mu kaa Nyankopɔn asɛmpa, ɔmfa ho ne sɔretia kɛseɛ a ɔbaa yɛ so he mpo.


Na sɛnea Paulo taa yɛ he, ɔkɔɔ bɛ nkyɛne, na ɔde homeda mmeɛnsa ne bɛ susuu twerɛsɛm he ho,


Na bɛ a bɛka ne ho ne Beroiani Piro ba Sopater, Aristako ne Sekundo a bɛyɛ Tesalonikafoɔ, Derbeni Gaio, Timoteo, Asiafoɔ Tihiko ne Trofimo.


Nti n’asuafoɔ he faa no anadwo he de no sii kɛntɛne mu de no faa kwane bi a ɔda afasuo he mu, gyaagyaa no nkakrankakra sii fam.


Na nna he mu he Petro sɔre gyinaa agyidifoɔ he mfinimfini. Na nnipakuo a bɛahyia faako he bɛyɛ nnipa ha aduonu. Na ɔkaa sɛ,


Na ntɛmaa ofirii aseɛ hyia adane mu kaa Yesu ho asɛm sɛ “Yesu ne Nyankopɔn Ba he.”


Afei asomafoɔ he ne mpanyimfoɔ he ne asafo mu he nyinaa hu sɛ ɔyɛ sɛ beyi bɛ mu binom ka Paulo ne Barnaba ho ma bɛkɔ Antiokia. Bɛ a beyii bɛ he ne Yuda a bɛfrɛ no Barsaba ne Silas, mmeema a na bɛyɛ akannifoɔ anuanom he mu.


Afei Paulo ne Silas kɔfaa Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika, baabi a na Yudafoɔ hyiadane bi ya he.


Yei maa bɛ mu binom bɛyɛɛ agyidifoɔ, na bɛde bɛ ho bataa Paulo ne Silas ho, na Helafoɔ dɔm kɛseɛ bi a bɛsom Nyankopɔn ne mmaa atitire a bɛdɔɔso pii nso yɔɔ saa.


Berɛ a bɛanhu bɛ he, bɛtwee Yason ne agyidifoɔ binom kɔmaa kuro he mu atumfoɔ, na bɛteateaam sɛ, “Mmeema a bɛadane wiase ani he aba ha nso,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite