Me Petro, Yesu Kristo somafoɔ, twerɛ saa krataa yi de kɔma Nyankopɔn nnipa a bɛayi bɛ a bɛahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu he.
Nsɛm a Yohane de kɔmaa asafo ahodoɔ nson a na bɛya Asia he di: Adom mmra ho so. Afei nso, asomdwie a ofiri nea ɔya hɔ, seesei, na ɔya hɔ firi tetentredee, na ɔya hɔ daa he, ne ahonhom nson a ɔya n’ahennwa anim,
efiri sɛ na Paulo asi gyinaeɛ sɛ onnyina Efeso, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔnseɛ berɛ Asia mpɔtamu, efiri sɛ na ne ho pere no sɛ, nka obetumi, akoduru Yerusalem da a bedi Pentekoste afahyɛ he.
Nso nnipa bi a befiri nea bɛfrɛɛ no Ahofadiefoɔ Hyiadane he mu ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne bɛ a befiri Kilikia ne Asia, sɔree sɛ bɛne Stefano oobedi anobaabaeɛ.
Afei berɛ a nnanson a bɛayi asi hɔ ama ahodwira he ɔɔba awieeɛ he, na Yudafoɔ a befiri Asia huu no asɔrefie hɔ he, befirii aseɛ maa nnipa he yɛɛ gyegyeegye na bɛsosɔɔ ne mu