Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 16:12 - Apam Foforɔ

12 Na yefirii hɔ he, yɛkɔɔ Filipi a ɔyɛ Roma atubrafoɔ kuro titire ya Makedonia mantam mu. Yɛtenaa saa kuro he mu nna kakra.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 16:12
14 Referans Kwoze  

na ɔyam sɛ yedii kane huu amane na beguu yɛ anim ase ya Filipi deɛ, nso sɛdeɛ honim he, yenyaa akokoɔduro ya yɛ Nyankopɔn mu paee mu kaa Nyankopɔn asɛmpa, ɔmfa ho ne sɔretia kɛseɛ a ɔbaa yɛ so he mpo.


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, twerɛ krataa yi de kɔma Kristo Yesu mu ahoteefoɔ a bɛya Filipi, ɔne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ.


Na Paanoo a Mmɔreka nnim Afahyɛ he akyi he, yɛtenaa hyɛne mu firii Filipi, na nnanum ntam he, yɛkɔtoo bɛ Troa. Na yedii nnanson hɔ.


na bɛɛkyerɛkyerɛ amanneɛ ahodoɔ bi a mmara mma yɛ a yɛyɛ Romafoɔ he kwane sɛ yedi so anaa yɛyɔ.”


Anadwo he Paulo nyaa anisoadehunu sɛ, Makedoniani bi gyina hɔ ɔɔserɛ no sɛ, “Bra Makedonia na bɛboa yɛ.”


Na onyaa anisoadehunu heaa pɛ ne yesiim sɛ yɛɛkɔ Makedonia efiri sɛ yehuu sɛ Nyankopɔn ne wafrɛ yɛ sɛ yɛnkɔka asɛmpa he nkyerɛ bɛ.


Afei berɛ a Silas ne Timoteo nyinaa firii Makedonia beduruiɛ he, Paulo de ne berɛ nyinaa pae mu kaa asɛm he, na odii Yudafoɔ adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo he.


Afei bewiee yeinom he, Paulo bɔɔ ne tim pɔ sɛ, sɛ ɔkɔfa Makedonia ne Akaia wie a, ɔbɛkɔ Yerusalem, na ɔkaa sɛ: “Sɛ meduru hɔ a, otwa sɛ mekɔ Roma nso.”


Nti kurom hɔ nyinaa bɛyɛɛ gyegyeegye, na bɛ nyinaa de koma koro bɔɔ twi kɔɔ adehwɛbea hɔ, na bɛkyee Gaio ne Aristarko a bɛyɛ Makedoniafoɔ ne Paulo akwantuo mu ahokafoɔ he.


Na afei basabasa he ano berɛ ase he, Paulo soma ma bɛkɔfrɛɛ asuafoɔ he, na ɔhyɛɛ bɛ nkurane gyaa bɛ kwane he, ogyaa bɛ hɔ kɔɔ Makedonia.


bedii bosome mmeɛnsa. Na berɛ a ɔɔbɛkɔ Siria he Yudafoɔ he bɔɔ ne ho pɔ. Ne saa nti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔfa Makedonia mmom ne akɔ.


Yɛkɔtenaa Adramitio hyɛne bi a na ɔɔkɔ Asia fam he mu. Na Makedoniani Aristarko a ofiri Tesalonika he ka yɛ ho.


na aasɔ Makedonia ne Akaia ani sɛ bɛde nea bɛwɔ he bi bɛma ahoteefoɔ a bɛya Yerusalem he mu ahiafoɔ.


sɛ hofiri ahyɛaseɛ he aboa yɛ asɛmpa he ka mu de abesi nnɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite