Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 15:8 - Apam Foforɔ

8 Na Nyankopɔn a onim akoma mu he maa bɛ Honhom Kronkron sɛnea ɔde maa yɛ heaa sɛ ɔnyɛ adansedie sɛ waagye bɛ atom.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 15:8
23 Referans Kwoze  

Na bɛbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim nnipa nyinaa akomam, kyerɛ mmienu yi baako a woayi no


“Hwane ne betumi asi yeinom a bɛanya Honhom Kronkron sɛ yɛaa yi ho kwane sɛ yɛmfa nsuo mmɔ bɛ asu?”


Afei, meku n’akyidifoɔ he, na asafo he nyinaa behu sɛ mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu. Metua ho mu biaa ka sɛnea ne nwuma teɛ.


Na abɔdeɛ biaa ntumi nhinta no, ne nyinaa da adagya na so abie a ɔda deɛ yɛ nyinaa bebu nkonta akyerɛ no he anim pefee.


Na bɛtenaa hɔ berɛ pii de akokoɔduro kasa maa Awurade, na Awurade ankasa dii n’adom ho asɛm he ho adanseɛ denam nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ahodoɔ a ɔnam bɛ nsa so yɔeɛ he so.


Na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa ma ma, na befiri aseɛ sɛ kaa kasa foforɔ, sɛnea Honhom he de maa bɛ sɛ bɛnka.


berɛ a Nyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛyɔ bebree, ne Honhom Kronkron akyɛdeɛ a ɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ne pɛ teɛ he dii ho adanseɛ bi.


Berɛ a bewiee mpaebɔ he, baabi a behyiaam he wosoeɛ, na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa mama na bɛde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm he.


Obisaa no mprɛnsa so sɛ, “Simon, Yohane ba, wodɔ me anaa?” Petro werɛ hoo sɛ oobisa no mprɛnsa so sɛ “wodɔ me?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wonim bibiaa, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nyɛne me nnwane he.”


Na Agya he a ɔsomaa me he ankasa di me ho adanseɛ. Hontee ne nne, na honhuu ne su nso,


Na ɔsɔ Honhom Kronkron he ne yɛ ankasa yɛ ani sɛ yɛmmfa adesoa foforɔ biaa nto ho so, gye sɛ yeinom a ohia yi,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite